1 Korintofo 5
5
Abrabɔ bɔne a ɛda adi asafo no mu
1 #
Lew 18.7-8
Wɔabɛka sɛ aguamammɔ wɔ mo mu, aguamammɔ a enni abosonsomfo mpo mu, sɛ obi ne n’agya yere da. 2Na morehoahoa mo ho, na mo werɛ anhow amma wɔanyi nea ɔyɛɛ saa ade no amfi mo mu. 3#Kol 2.5 Na me de, minni hɔ ɔhonam fam de, nanso mewɔ hɔ honhom mu, na mabu nea ɔyɛɛ saa ade yi atɛn dedaw te sɛ mewɔ hɔ. 4#Mat 16.19; 18.18; 2 Ko 13.10 Sɛ mo ne me honhom hyia yɛn Awurade Yesu din mu na yɛn Awurade Yesu tumi ka ho a, 5#1 Tim 1.20 momfa onii no nhyɛ Satan nsa, na ɔhonam no nsɛe, na wɔagye honhom no nkwa, Awurade da no.
6 #
Gal 5.9
Mo ahohoahoa nyɛ fɛ. Munnim sɛ mmɔkaw kakra na ɛkaw mmɔre nyinaa? 7#Eks 13.7; Yes 53.7; 1 Pe 1.19 Enti munyi mmɔkaw dedaw no, na moayɛ mmɔre foforo, sɛnea moyɛ apiti no. Efisɛ wɔakum yɛn twam guan Kristo no nso. 8#Eks 12.3-20 Enti momma yɛnhyɛ fa, ɛnyɛ mmɔkaw dedaw no mu, nanso ɛnyɛ bɔneyɛ ne amumɔyɛ mmɔkaw mu, na mmom Kronkronyɛ ne nokware apiti mu.
Wɔammu Paulo kɔkɔbɔ
9 #
Mat 18.17; 2 Te 3.14 Makyerɛw mo nhoma no mu sɛ mo ne nguaman nnni afra. 10Ɛnyɛ wiase nguamammɔfo anaa aniberefo ne amimfo anaa abosonsomfo ho asɛm koraa na mereka; ɛnne, na anka ɛsɛ sɛ mufi wiase kɔ. 11#2 Te 3.6; Tito 3.10; 2 Yoh 10 Na afei makyerɛw mo sɛ, sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ oguamammɔfo anaa oniberefo anaa ɔbosonsonni anaa ntɔkwapɛfo anaa ɔsabofo anaa omimfo a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo. 12#Mar 4.11 Na ɛfa me ho dɛn sɛ mebu wɔn a wɔmfra mo mu no nso atɛn bi? Ɛnyɛ wɔn a wɔfra mo mu no na mubu wɔn atɛn? 13#Deut 13.5 Na wɔn a wɔmfra mo mu no, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn. Munyi ɔbɔnefo no mfi mo mu!
Currently Selected:
1 Korintofo 5: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: