1 Korintofo 4
4
Kristo asomafo
1 #
Tito 1.7
Momma obiara mmu yɛn sɛ Kristo asomfo ne Nyankopɔn ahintasɛm so ahwɛfo. 2#Luka 12.42 Na afei, nea wɔhwehwɛ ofiehwɛfo hɔ ne sɛ obiara behu sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. 3Na me de, ɛyɛ me ade ketewa bi sɛ mo anaa nnipa bi hyɛ da bu me atɛn, nso mimmu me ho atɛn. 4#Nnw 143.2 Efisɛ mede minhu biribi wɔ me ho, nanso ɛnyɛ eyi ho na midi bem; na nea obu me atɛn ne Awurade. 5#1 Ko 3.8 Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn, kosi sɛ bere no bedu ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde nea ahintaw sum mu bɛba hann mu, na wayi komam agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyi bɛma no.
6 #
Rom 12.3
Na, anuanom, mo nti na mede asɛm yi metoo me ne Apolo ho mekyerɛɛ mo, na moasua yɛn sɛ munnnwen nntra nea wɔakyerɛw so, na mo mu bi anhoahoa ne ho ne obi anni asi.
7 #
Rom 12.6
Na hena na ɔma wo da nso wɔ afoforo mu? Na ɛdɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wunyae a, adɛn na wohoahoa wo ho sɛnea ɛnyɛ nya na wunyae? 8#Adi 3.17; 3.21 Moawie mee dedaw, yiw, moawie mo ho nya, moakwati yɛn adi ahene. Sɛ mudii ahene ampa a, anka eye, na yɛn nso ne mo adi bi. 9#Rom 8.36; Heb 10.33 Na ɛyɛ me sɛ Onyankopɔn de yɛn asomafo adi akyiri sɛ wɔn a wɔayi wɔn ama owu, efisɛ yɛayɛ ahwɛde ama wiase ne abɔfo ne nnipa. 10#1 Ko 3.18 Kristo nti yɛyɛ nkwaseafo, na mo de, moyɛ anyansafo, Kristo mu; yɛyɛ mmerɛw, na mo de, moyɛ den. Mo de, moyɛ anuonyamfo, na yɛn de, yɛyɛ ahohorafo. 11#2 Ko 11.23-27 Ɛde besi dɔn yi mu, ɔkɔm ne sukɔm de yɛn, na yɛda adagyaw, na wɔboro yɛn, na yenni baabi te, 12#Aso 18.3; 20.34; 1 Te 2.9; 2 Te 3.8; 1 Ko 9.15; Rom 12.14; Nnw 109.28 na yɛbrɛ de yɛn ankasa nsa yɛ adwuma. Wɔyaw yɛn a, yehyira, wɔtaa yɛn a, yɛpene so, 13wɔsɛe yɛn din a, yɛka abodwosɛm. Yɛayɛ sɛ wiase fi, nnipa nyinaa mu sumina de besi nnɛ.
Agya afotu
14Menkyerɛw eyi memmegu mo anim ase, na mmom mede rebetu mo fo sɛ me mma adɔfo. 15#Gal 4.19 Na sɛ mowɔ ahwɛfo ɔpedu wɔ Kristo mu mpo a, munni agyanom bebree; na me na menam asɛmpa no so mewoo mo Kristo Yesu mu. 16#1 Ko 11.1 Enti mitu mo fo sɛ: Monhwɛ me nsua me! 17#Aso 19.22 Eyi nti na masoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo ne nokwafo Awurade mu aba mo nkyɛn, ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu, sɛnea mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu mmaa nyinaa.
18Na ebinom rehoahoa wɔn ho sɛnea meremma mo nkyɛn. 19#Aso 18.21; Yak 4.15 Nso sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛ na maba mo nkyɛn, na mabehu wɔn a wɔrehoahoa wɔn ho no tumi, na ɛnyɛ wɔn nsɛm. 20#1 Ko 2.4; Luka 17.20 Na Onyankopɔn ahenni nni kasa ara kɛkɛ mu, na mmom tumi mu. 21Nea ɛwɔ he na mopɛ? Memfa abaa memmra mo nkyɛn, anaa ɔdɔ ɛne odwo honhom?
Currently Selected:
1 Korintofo 4: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: