1 Korintofo 2
2
Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no ho asɛm
1 #
1 Ko 1.17
Na me nso, anuanom, mebaa mo nkyɛn no, mamfa asɛm anaa nyansa a ɛtra so mammɛka mo Onyankopɔn adansesɛm no. 2#Gal 6.14 Na mebɔɔ me tirim sɛ merenhwehwɛ biribiara wɔ mo hɔ, gye sɛ Yesu Kristo ne sɛ wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. 3#Aso 18.9; 2 Ko 10.1 Na me de, mmerɛwyɛ ne ehu ne ahopopo bebree mu na me ne mo tenae. 4#1 Ko 2.1 Na me kasa ne m’asɛnka amfa nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛ kwan so, na mmom ɛnam honhom ne tumi yikyerɛ mu, 5#Efe 1.17; 1.19; 1 Te 1.5 na mo gyidi annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Onyankopɔn tumi so.
Onyankopɔn nokware nyansa no
6Nanso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔdi mu, na ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wiase yi de, na ɛnyɛ wiase atumfo a wobeyi wɔn hɔ no de, 7#Rom 16.25 na mmom yɛka Onyankopɔn nyansa ahintasɛm mu, nyansa a wɔde siei a Onyankopɔn de too hɔ maa yɛn anuonyam ansa na wɔrehyɛ wiase ase. 8#Luka 23.34; Yak 2.1 Nea wiase yi atumfo mu biara anhu, na sɛ wohui a, anka wɔammɔ anuonyam Awurade no asɛnnuam, 9#Yes 64.3 na mmom, sɛnea wɔakyerɛw sɛ
nea aniwa nhui, na aso ntee,
na ɛmaa onipa koma mu da
ne nea Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no.
10 #
Mat 13.11
Na yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so ayi akyerɛ yɛn; efisɛ Honhom no pɛɛpɛɛ ade nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no nso.
11Na nnipa mu hena na onim nea ɛwɔ onipa mu, gye onipa no ankasa honhom a ɛwɔ ne mu? Saa ara nso na obi nnim Nyankopɔn adwene, gye Onyankopɔn honhom. 12Na yɛn de, ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a ofi Nyankopɔn mu, na yɛahu nea Onyankopɔn de adom yɛn. 13#1 Ko 2.1; 2.4 Nso nea yɛka no, ɛnyɛ nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ, na mmom nea Honhom no kyerɛkyerɛ, na yɛde honhom ade to honhom ade ho. 14#1 Ko 1.23; Yoh 8.47 Na onipa a onni honhom no nnye Onyankopɔn honhom ade, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ontumi nhu mu, efisɛ wobu mu atɛn honhom mu. 15#1 Yoh 2.20 Na onipa a ɔwɔ honhom mu no de, obu ade nyinaa atɛn, na ɔno de, obi mmu no atɛn. 16#Rom 11.34; Yes 40.13 Na hena na wahu Awurade adwene sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ no? Na yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene.
Currently Selected:
1 Korintofo 2: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: