YouVersion Logo
Search Icon

1 Korintofo 1

1
Nkyia
1Paulo, Kristo Yesu somafo a wɔnam Onyankopɔn pɛ so afrɛ no, ne onua Sostene 2#1 Ko 6.11; Aso 9.14 de kɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔatew wɔn ho Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no: 3Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
Aseda
4Onyankopɔn adom a wɔde adom mo Kristo Yesu mu no nti, meda me Nyankopɔn ase daa wɔ mo ho 5sɛ nneɛma nyinaa mu moanya mo ho wɔ no mu, nsɛm ne nimdeɛ nyinaa mu, 6sɛnea Kristo adanse no atim mo mu, 7#Tito 2.13amma adom akyɛde biara ammɔ mo, bere a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo adiyi no; 8#Flp 1.6; 1 Te 3.13; 5.23 ɔno ara nso na ɔbɛhyɛ mo den akosi awiei, na mo ho amma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da no. 9#1 Te 5.24 Onyankopɔn a wɔnam no so afrɛ mo akɔ ne ba, yɛn Awurade Yesu Kristo, ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafo.
Mpaepaemu a ɛwɔ Asafo no mu
10 # Flp 2.2; 3.16 Na, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so mitu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaepaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu. 11Na, me nuanom, Kloe fifo abeyi me mo ho asotiw sɛ kunsunkunsun wɔ mo mu. 12#1 Ko 3.4; Aso 18.24; 18.27; Yoh 1.43 Ɛne sɛ, mo mu biara ka sɛ: Me de, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me de mewɔ Apolo afa, anaasɛ me de mewɔ Kefa afa; anaasɛ me de mewɔ Kristo afa. 13Wɔapaepae Kristo mu anaa? Paulo na wɔbɔɔ no asɛnnua mu maa mo, anaasɛ wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Paulo din mu? 14#Aso 18.8; Rom 16.23 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu, gye Krispo ne Gaio, 15na obi anka sɛ mebɔɔ asu mehyɛɛ me din mu. 16#1 Ko 16.15; 16.17 (Ɛhɛɛ, afei nso mebɔɔ Stefana fifo asu; na nkae no de, sɛ mebɔɔ obi asu a, minnim).
17 # Yoh 4.2; Mat 28.19; 1 Ko 2.4 Na Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu ara kɛkɛ, na mmom sɛ memmɛka asɛmpa no, ɛnyɛ nyansasɛnka mu, na Kristo asɛnnua no anyɛ ɔkwa. 18#2 Ko 4.3; Rom 1.16 Na asɛnnua no ho asɛm no yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔreyera, na yɛn a wɔregye yɛn nkwa no de ɛyɛ Onyankopɔn tumi. 19#Yes 29.14 Efisɛ wɔakyerɛw sɛ:
Mɛsɛe anyansafo nyansa, na mɛma animdefo nimdeɛ ayɛ ɔkwa.
20 # Hiob 12.17 Onyansafo wɔ he? Kyerɛwfo wɔ he? Wiase kyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn nnan wiase nyansa nkwaseasɛm anaa? 21#Mat 11.25 Na wiase amfa nyansa so anhu Nyankopɔn wɔ Onyankopɔn nyansa mu nti, ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔnam asɛnka no nkwaseasɛm so begye wɔn a wogye di no nkwa. 22#Mat 12.38; Yoh 4.48; Aso 17.18; 17.32 Efisɛ Yudafo bisa nsɛnkyerɛnne, na Helafo nso hwehwɛ nyansa; 23#Rom 9.32; 1 Ko 2.14 na yɛn de, yɛka Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua no ho asɛm; ɔyɛ hintidua ma Yudafo, na ɔyɛ nkwaseasɛm ma amanaman mufo. 24#1 Ko 1.18; Kol 2.3 Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no de, Yudafo oo, Helafo oo, saa Kristo yi yɛ Onyankopɔn tumi ne Nyankopɔn nyansa. 25Efisɛ Onyankopɔn nkwaseasɛm wɔ nyansa kyɛn nnipa, na Onyankopɔn mmerɛwyɛ yɛ den kyɛn nnipa.
26 # Mat 11.25; Yoh 7.48; Yak 2.1-5 Na, anuanom, monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ ɔhonam fam anyansafo beberee, ɛnyɛ atumfo beberee, ɛnyɛ adehye beberee na wɔafrɛ wɔn, 27na mmom wiase nkwaseade na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu. Na wiase ade a ɛyɛ mmerɛw na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu. 28Na wiase nneɛma a ɛmfra ne nea wommu na Onyankopɔn ahwɛ mu ayi, ne nea enni hɔ, sɛ ɔde betu nea ɛwɔ hɔ, 29#Rom 3.27; Efe 2.9 na ɔhonam biara anhoahoa ne ho n’anim. 30#Yer 23.5-6; 2 Ko 5.21; Yoh 17.19 Na ne mu na efi na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno mu na efi, na Nyankopɔn ayɛ nyansa ne trenee ne ahotew ne ogye ama yɛn. 31#Yer 9.23-24 Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho Awurade mu.

Currently Selected:

1 Korintofo 1: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in