Malaki 1
1
Onyankopɔn dɔ Israel
1Awurade atemmusɛm a ɔnam Malaki so de brɛɛ Israel ni.
2 #
Gye 25.23; Rom 9.13 Medɔ mo, Awurade na ose. Na moka se: Wode dɛn na adɔ yɛn? So Esau nyɛ Yakob ne nua? Awurade asɛm ni; nanso medɔɔ Yakob, 3#Yes 34.13 na metan Esau, na mayɛ ne mmepɔw no afo, ne n’agyapade nso sare so sakraman ade. 4Sɛ Edom ka se: Wɔapɛtɛw yɛn, nanso yɛbɛsan akɔ akosisi agowagow no a, sɛ asafo Awurade se ni: Wɔn de, wobesisi, na me nso, medwiriw, na wɔafrɛ wɔn sɛ: Abɔnefosɛm hye, ne: Ɔman a Awurade afa wɔn abufuw de akosi daa. 5Na mo aniwa behu, na mo de, mobɛka se: Awurade so tra Israel hye no so.
Asɔfo no animtiaabu
6 #
Eks 20.12; Yoh 8.49 Ɔba di n’agya ni, na akoa di ne wura ni, na sɛ agya ne me a, me nidi wɔ he? Na sɛ owura ne me a, me suro wɔ he? Asafo Awurade na ɔka akyerɛ mo, asɔfo a mubu me din animtiaa. Na moka se: Ɛdɛn mu na yebu wo din animtiaa? 7Mode abodoo a ɛho akum brɛ me m’afɔremuka so. Na moka se: Dɛn na yɛde kum wo ho? Sɛ moka sɛ: Awurade pon no yɛ ade a wotumi bu no animtiaa. 8#Lew 22.20, 23 Na sɛ mode aboa onifuraefo bi ba bɛbɔ afɔre a, so ɛnyɛ bɔne? Na sɛ mode aboa apakye anaa aboa yarefo bi ba a, so ɛnyɛ bɔne anaa? Fa kɔma w’amrado! So n’ani bɛsɔ wo, anaasɛ ɔbɛhwɛ w’anim? Asafo Awurade na ose. 9Na afei, mode nkotɔsrɛ rehwehwɛ Onyankopɔn anim, sɛ ɔmmɛdom yɛn?. Mo nsam na ɛno fii, so mo nti ɔbɛhwɛ obi anim? Asafo Awurade na ose. 10#Mal 2.13; Yes 1.13 Anka eye sɛ mo mu bi kɔtoto apon mu nso, na moansɔ m’afɔremuka so gya kwa. M’ani nsɔ mo hwee, asafo Awurade na ose, na mo nsam ayɛyɛde nyɛ me fɛ. 11#Yes 60.1-7 Na efi owia apuei de kosi n’atɔe no me din yɛ kɛse amanaman mu, na wɔhyew aduhuam bɔ afɔre ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛde a ɛho tew ba; na me din yɛ kɛse amanaman mu, asafo Awurade na ose. 12Nanso muhura ho, sɛ moka se: Awurade pon no, wɔakum ho, na ɛso ade, n’aduan no nso, yɛ ade a wotumi bu no animtiaa. 13Nso moka se: Hwɛ, ɔbrɛ bɛn ni! Na mopeepee, asafo Awurade na ose, na mode afow ade ne aboa apakye ne aboa yarefo ba, na mode bɛyɛ ayɛyɛde; so megye mo nsam ma ayɛ me fɛ anaa? Awurade na ose. 14#Lew 22.19 Na wɔadome nea osisi, nea ɔde onini a odi mu wɔ ne nguankuw mu hyɛ bɔ, na ɔde nea asɛe bɔ Awurade afɔre no; efisɛ ɔhenkɛse ne me, asafo Awurade na ose, na me din ho yɛ hu, amanaman mu.
Currently Selected:
Malaki 1: ATWDB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.