YouVersion Logo
Search Icon

1 Korintofo 3

3
Mpaepaemu a ɛwɔ Korinto Asafo no mu
1 # Yoh 16.12 Na me nso, anuanom, mantumi ne mo ankasa sɛ honhom mufo, na mmom sɛ ɔhonam mufo, sɛ Kristo mu nkokoaa. 2#1 Pe 2.2; Heb 5.12-13 Nufu na mede memaa mo numii, na ɛnyɛ aduan; efisɛ na muntumi nnye, na mprempren ara mpo muntumi. 3#1 Ko 1.10-11; 11.18Na moda so ara yɛ ɔhonam mufo. Na bere a ahoɔyaw ne mpaepaemu wɔ mo mu yi, monyɛ ɔhonam mufo, na monnantew nnipa mu anaa? 4#1 Ko 1.12 Na sɛ obi se: Me de, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me de mewɔ Apolo afa a, na monyɛ ɔhonam mufo anaa?
5 # Aso 18.24; 18.27 Na Apolo ne hena? Paulo ne hena? Wɔyɛ asomfo a monam wɔn so agye adi, na wɔn mu biara wɔ nea Awurade de ama no. 6#Aso 18.4; 18.11 Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔmaa no nyinii. 7Enti ɛnyɛ nea odua, na ɛnyɛ nea ogugu so nsu na ɔyɛ biribi, na mmom Onyankopɔn a ɔmaa no nyinii. 8#1 Ko 4.5 Na nea odua ne nea ogugu so nsu yɛ biako, na wɔn mu biara benya n’akatua sɛnea n’ankasa n’adwuma te. 9#Mat 13.3-9; Efe 2.20 Na yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛfo; a yɛne no bom yɛ adwuma, moyɛ Onyankopɔn afuw, Onyankopɔn dan.
10 # 1 Ko 15.10 Onyankopɔn adom a ɔde adom me no so na menam meto fapem sɛ ɔdansifo nyansafo, na obi to so; na obiara a ɔto so no nhwɛ sɛnea ɔto so fa. 11#1 Pe 2.4-6 Na fapem foforo de, obiara rentumi nto nka nea ɛhyɛ hɔ dedaw a ɛne Yesu Kristo no ho. 12Nanso sɛ obi de sika kɔkɔɔ, dwetɛ, abohene, nnua, sare, burodua to fapem yi so a, 13#1 Ko 4.5 obiara adwuma bɛda adi, na ɛda no beyi no adi, efisɛ ogya mu na ɛbɛda adi, na sɛnea obiara adwuma te no, ogya no bɛsɔ ahwɛ; 14sɛ obi adwuma a wato asi so gyina a, obenya akatua. 15Sɛ obi adwuma hyew a, ɔbɛhwere ade; n’ankasa de, wobegye no nkwa, nanso ɛte sɛ ɛnam ogya mu.
16 # 1 Ko 6.19; 2 Ko 6.16 Munnim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn honhom te mo mu anaa? 17Sɛ obi sɛe Onyankopɔn asɔredan a, ɔsɛe na Onyankopɔn bɛsɛe no; efisɛ Onyankopɔn asɔredan ho tew, na ɛne mo ara.
18 # Adi 3.17-18 Obiara nnnaadaa ne ho. Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ onyansafo mo mu wiase a, ma ɔnyɛ ɔkwasea, na wayɛ onyansafo. 19#Hiob 5.12-13 Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm Onyankopɔn anim; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Ɔkyere anyansafo wɔn anifere mu. 20#Nnw 94.11 Na bio: Awurade nim anyansafo nsusuwii sɛ ɛyɛ nsusuwii hunu. 21Enti obiara nnhoahoa ne ho nnipa fam; na nneɛma nyinaa yɛ mo de, 22Paulo oo, Apolo oo, Kefa oo, wiase oo, nkwa oo, owu oo, ɛnnɛ de oo, daakye oo, nneɛma nyinaa yɛ mo dea, 23#1 Ko 11.3 na moyɛ Kristo dea, na Kristo yɛ Onyankopɔn dea.

Currently Selected:

1 Korintofo 3: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in