YouVersion Logo
Search Icon

Romafoɔ Nnianimu

Nnianimu
Ansa na Paulo bɛyɛ Okristoni no, na ɔyɛ obi a ɔde ne ho nyinaa ama nyamesom. Na ɔwɔ gyidie sɛ, ɛkwan a wɔfa so som Onyankopɔn ara ne sɛ, wɔbɛdi Yudafoɔ mmara so ketee. Ɔdii Yudafoɔ mmara so ketee kɔsii sɛ ɔtaa Akristofoɔ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ Yudasom mu ampa. Nanso, akyire yi, ɔdane kɔɔ Kristosom mu no, ɔbɛyɛɛ onipa foforɔ koraa. Afei, ɔhunuu sɛ nkwagyeɛ no nkyerɛ sɛ wobɛdi Yudafoɔ mmara so ketee, na mmom nkwagyeɛ gyina gyidie a wobɛnya wɔ Yesu Kristo mu no so, ɛfiri sɛ, obiara rentumi nni mmara nyinaa so ketee, na obiara nso rentumi nyɛ saa da. Romafoɔ nwoma no kasa fa tena a ɛsɛ sɛ Akristofoɔ nam gyidie so tena ase ho.
Paulo twerɛɛ saa nwoma yi kɔmaa asafo a ɛwɔ Roma de daa ne ho ne nʼasɛm adi kyerɛɛ wɔn. Na ɔnkɔɔ saa kuropɔn yi mu da, nanso na ɔnim Akristofoɔ bebree a wɔwɔ hɔ no din. Na ɔwɔ anidasoɔ sɛ ɔbɛnya kwan akɔsra wɔn. (15.22–16.21). Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔyɛ ɔsomafoɔ a wɔapa no sɛ ɔnka Asɛmpa no (1.1). Asɛm a na Paulo bɔ no dawuro ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ sɛ ɔbɛgye obiara a ɔwɔ gyidie nkwa, sɛ woyɛ Yudani anaa Aman amanmuni (1.16). Asɛm a Paulo twe nʼakenkanfoɔ adwene kɔ so ne sɛ, yɛn nyinaa ayɛ bɔne na yɛmfata Onyankopɔn animuonyam (3.23). Na yɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn agye yɛn atom? Yei ne asɛmmisa titire a Paulo bua wɔ ne krataa yi mu. Ɔfiri aseɛ sɛ obiara antumi anyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nam akwan ahodoɔ so akasa deɛ, nanso Yudafoɔ anni Mose mmara so, ɛna amanamanmufoɔ nso ampɛ sɛ wɔdwene Onyankopɔn ho mpo (1.18–3.20).
Emu Nsɛm
Nkyea (1.1-7)
Sɛdeɛ nkwagyeɛ ho hia wiase (1.8–3.20)
Nkwagyeɛ a ɛnam gyidie so (3.21–8.39)
Nhyehyɛeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama Israelfoɔ (9.1–11.36)
Akristofoɔ Asetena Ho Akwankyerɛ (12.1–15.13)
Awieeɛ ne Nkyea (15.14–16.27)

Currently Selected:

Romafoɔ Nnianimu: ASNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in