YouVersion Logo
Search Icon

Romafoɔ 8

8
Nkwa A Ɛfiri Honhom Mu
1Enti, afɔbuo nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu 2ɛfiri sɛ Honhom Kronkron no ama mo nkwa a ɛfiri Kristo Yesu nkyɛn, na agye mo afiri mmara a ɛde owuo ba. 3Esiane ɔhonam mmerɛyɛ enti, Mose Mmara no antumi annye yɛn. Enti Onyankopɔn yɛɛ deɛ Mmara no antumi anyɛ. Ɔnam nʼankasa ne Ba a ɔsomaa no wɔ onipa bɔnesu so no ba bɛbɔɔ afɔdeɛ maa yɛn, na ɔbɛbuu bɔne atɛn de pepaa yɛn bɔne. 4Onyankopɔn yɛɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo bɛyɛ Mmara no asɛdeɛ ama yɛn, yɛn a yɛnnante ɔhonam fam, na mmom yɛnante honhom mu no.
5Wɔn a honam mmerɛyɛ hyɛ wɔn so no dwene bɔne nko ara ho. Wɔn a wɔnam Honhom mu no dwene Honhom deɛ. 6Wɔn a wɔwɔ ɔhonam mmerɛyɛ adwene no bɛwu. Wɔn nso a wɔnam Honhom mu no bɛnya nkwa ne asomdwoeɛ. 7Adwene a ɛdwene honam mu no tan Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɛmmrɛ ne ho ase mma Onyankopɔn mmara; na mpo ɛrentumi. 8Wɔn a wɔdwene honam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani.
9Sɛ Onyankopɔn Honhom te mo mu a, ɛnyɛ honam mmerɛyɛ na ɛdi mo so. Na sɛ obi nni Kristo Honhom a, ɔnyɛ Kristo dea. 10Ɛwom sɛ bɔne bɛma mo nipadua yi awu deɛ, nanso sɛ Kristo te mo mu a, ne tenenee enti, mo honhom te ase. 11Sɛ Onyankopɔn Honhom a ɛnyanee Yesu firii awufoɔ mu no te mo mu a, ɛnneɛ deɛ ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu no nso nam ne Honhom a ɛwɔ mo mu no so bɛma mo nipadua a ɛwu yi nso nkwa.
12Enti anuanom, yɛwɔ asodie bi, nanso, yɛnyɛ mma honam no sɛdeɛ ɔpɛ. 13Sɛ motena ase ma ɔhonam a, mobɛwu. Nanso, sɛ moma Honhom no kum bɔne a nipadua no yɛ a, mobɛnya nkwa.
14Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no yɛ Onyankopɔn mma. 15Ɛfiri sɛ, moannya honhom a ɛma mo yɛ nkoa bio ma ɔsuro, na mmom, moanya abayɛ Honhom na yɛnam ne so su sɛ, “Abba, Agya!” 16Na Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanseɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. 17Esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma enti, yɛyɛ adedifoɔ; Onyankopɔn adedifoɔ a yɛne Kristo wɔ kyɛfa wɔ mu, nanso gye sɛ yɛne no kyɛ nʼamanehunu ansa na yɛne no akyɛ nʼanimuonyam.
Daakye Animuonyam
18Menim sɛ amanehunu a yɛrehunu no saa ɛberɛ yi nyɛ deɛ wɔdetoto animuonyam a wɔbɛhyɛ yɛn no ho. 19Abɔdeɛ nyinaa de anigyina rehwɛ da a Onyankopɔn mma bɛda wɔn ho adi no ɛkwan. 20Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛmfiri abɔdeɛ pɛ mu no, wɔnam Onyankopɔn tumi mu buu abɔdeɛ fɔ sɛ ɛnnane ade hunu. Nanso na saa anidasoɔ yi wɔ hɔ 21sɛ, da bi abɔdeɛ no bɛde ne ho afiri nkoayɛ ne porɔeɛ mu na ɛne Onyankopɔn mma anya ahofadie mu animuonyam.
22Yɛnim sɛ ɛbɛsi saa ɛberɛ yi abɔdeɛ nyinaa pene sɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no. 23Nanso, ɛnyɛ abɔdeɛ nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ no nso si apinie ɛberɛ a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma. Yei kyerɛ sɛ yɛbɛde yɛn ho ɔhonam fam nso. 24Na wɔnam saa anidasoɔ yi so gyee yɛn nkwa. Sɛ yɛhunu deɛ yɛn ani da so no deɛ a, na ɛnyɛ anidasoɔ bio. Na hwan na nʼani tumi da adeɛ a ɔwɔ dada so. 25Na sɛ yɛn ani da adeɛ a yɛn nsa nkaeɛ so a, yɛde boasetɔ twɛn.
26Saa ara na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ, yɛnnim ɛkwan a wɔfa so bɔ mpaeɛ sɛdeɛ ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisie de nsɛm a ɛnni kabea di ma yɛn. 27Onyankopɔn a ɔhunu nnipa akoma mu no nim Honhom no nsusuiɛ, ɛfiri sɛ, Honhom no nam Onyankopɔn pɛ so di ma Onyankopɔn mma wɔ nʼanim.
Yɛsene Nkonimdifoɔ
28Yɛnim sɛ adeɛ nyinaa mu no Onyankopɔn di boa wɔn a wɔdɔ no ma ɛwie wɔn yie. Ɛdi boa wɔn a wɔnam nʼatirimpɔ so afrɛ wɔn. 29Wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn dada no, ɔde wɔn asi hɔ sɛ wɔnyɛ sɛ ne Ba no, na ne Ba no ayɛ anuanom pii mu abakan. 30Onyankopɔn frɛɛ wɔn a ɔyii wɔn sii hɔ no, na wɔn a ɔyii wɔn no, ɔbuu wɔn bem. Na wɔn a ɔbuu wɔn bem no, ɔhyɛɛ wɔn animuonyam nso.
Onyankopɔn Wɔ Yɛn Afa
31Afei, ɛdeɛn na yɛbɛka afa yeinom ho? Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie? 32Deɛ wankame nʼankasa ne Ba, na mmom, yɛn nyinaa enti, ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔmfa adeɛ nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn? 33Hwan na ɔbɛbu wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no atɛn? Onyankopɔn nko na ɔbu bem. 34Hwan na ɔbu fɔ? Kristo Yesu ne deɛ ɔwuiɛ na wɔnyanee no na ɔte Onyankopɔn nifa so di ma yɛn Onyankopɔn anim no. 35Hwan na ɔbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa owuo na ɛbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no anaa? 36Dabi! Wɔatwerɛ sɛ,
“Wo enti, wɔkum yɛn daa nyinaa;
wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn.”
37Nanso, yeinom nyinaa mu no, yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so. 38Megye medi ampa sɛ owuo anaa nkwa anaa abɔfoɔ anaa atumfoɔ anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi 39anaa ɔsoro anaa ɛfam anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.

Currently Selected:

Romafoɔ 8: ASNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in