Adiyisɛm 12:14-16
Adiyisɛm 12:14-16 ASNA
Wɔmaa ɔbaa no ɔkɔdeɛ ntaban akɛseɛ mmienu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi atu akɔ baabi a wɔasiesie ama no wɔ ɛserɛ so hɔ a wɔbɛhwɛ no mfeɛ mmiɛnsa ne fa sɛdeɛ ɔwɔ no renni nʼakyi bio. Afei, ɔwɔ no puu nsuo te sɛ asubɔnten dii ɔbaa no akyi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛfa no. Nanso, asase boaa ɔbaa no. Ɛbuee nʼanom nom nsuo a ɔwɔ no pu guu hɔ no nyinaa.





