Bible App logo
Search Icon

Nnwom 85

85
Dwom 85
Kora mma dwom.
1Ao Awurade wohunuu wʼasase mmɔbɔ;
wode Yakob ahonyadeɛ sane maa no.
2Wode wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛɛ wɔn
na wokataa wɔn nnebɔne nyinaa so.
3Wode wʼabofuo too nkyɛn
na wodane firii wʼabufuhyeɛ ho.
4Sane gye yɛn bio, Ao Onyankopɔn, yɛn Gyefoɔ,
na ma wʼani nnye yɛn ho.
5Wo bo bɛfu yɛn akɔsi daa anaa?
Wʼabofuo bɛtoa so akɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa so anaa?
6Worenhyɛ yɛn den bio,
na ama wo nkurɔfoɔ asɛpɛ wɔn ho wɔ wo mu anaa?
7Ao Awurade, kyerɛ yɛn wo dɔ a ɛnsa da no,
na ma yɛn wo nkwagyeɛ no.
8Mɛtie deɛ Awurade Onyankopɔn bɛka.
Ɔde asomdwoeɛ hyɛ ne nkurɔfoɔ, ahotefoɔ no bɔ,
enti ɛnsɛ sɛ wɔsane kɔ agyimisɛm ho.
9Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛne wɔn a wɔsuro no,
na nʼanimuonyam bɛtena yɛn asase so.
10Ɔdɔ ne nokorɛdie bɛhyia,
na tenenee ne asomdwoeɛ bɛfe wɔn ho wɔn ho ano.
11Nokorɛdie bɛpue afiri asase no so,
na tenenee ahwɛ afiri soro.
12 Awurade bɛma yɛn deɛ ɛyɛ ampa ara
na yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ.
13Tenenee di nʼanim
siesie ɛkwan ma nʼanammɔntuo.

Currently Selected:

Nnwom 85: ASNA

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for Nnwom 85