Bible App logo
Search Icon

Nnwom 12

12
Dwom 12
Dawid dwom.
1Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofoɔ asa;
nokwafoɔ ayera wɔ nnipa mu.
2Obiara di atorɔ kyerɛ ne yɔnko;
wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.
3Ma Awurade ntwa nnaadaa ano
ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho ntwene;
4wɔn a wɔse, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bɛdi nkonim;
yɛn ano yɛ yɛn dea, na hwan ne yɛn wura?”
5“Esiane nhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni no
ne ohiani apenesie no enti,
mɛsɔre afei,” Awurade na ɔseɛ.
“Mɛbɔ wɔn ho ban afiri wɔn a wɔha wɔn ho.”
6 Awurade asɛm yɛ nokorɛ
te sɛ dwetɛ a wɔasɔne so wɔ fononoo mu,
na wɔahoa ho mprɛnson.
7Ao Awurade, wobɛkora yɛn
na woabɔ yɛn ho ban afebɔɔ afiri saa abɔnefoɔ yi ho,
8abɔnefoɔ a wɔnenam sɛdeɛ wɔpɛ
ɛberɛ a adasamma de anidie ma afideɛ.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Currently Selected:

Nnwom 12: ASNA

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in