Nnwom 10
10
Dwom 10
1Adɛn enti, Ao Awurade, na wogyina akyirikyiri saa?
Adɛn enti na wode wo ho ahinta wɔ amanehunu mmerɛ mu yi?
2Ɔmumuyɛfoɔ de ahantan taataa mmɔborɔfoɔ,
wɔn a mfidie a wɔasunsum yi wɔn.
3Ɔde deɛ nʼakoma hwehwɛ hoahoa ne ho;
ɔhyira ɔdifodepɛfoɔ, na ɔyi Awurade ahi.
4Ahantan enti, omumuyɛfoɔ nhwehwɛ Awurade;
na Onyankopɔn nni ne nsusuiɛ nyinaa mu.
5Nʼakwan nyinaa mu, ɔdi yie;
ɔma ne ho so, na wo mmara mfa ne ho;
na ɔdi nʼatamfoɔ nyinaa ho fɛw.
6Ɔka kyerɛ ne ho sɛ: “Biribiara mma me nhinhim;
mʼani bɛgye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.”
7Nnome, atorɔ ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma;
Ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkrɛma ase.
8Ɔtɛ wɔ nkuraase;
ɔfiri atɛeɛ kum deɛ ɔnnim hwee,
na ɔhwɛ wɔn a ɔrepɛ wɔn akum wɔn.
9Ɔte sɛ gyata a wahinta;
ɔtɛ sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni;
ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bɔn mu.
10Ɔdwerɛ wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ baha;
na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ.
11Ɔka kyerɛ ne ho sɛ, “Onyankopɔn werɛ afi;
wayi nʼani afiri so na ɔnhunu.”
12Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Ao Onyankopɔn.
Mma wo werɛ mfiri wɔn a wɔnni aboafoɔ.
13Adɛn enti na omumuyɛfoɔ yi Onyankopɔn ahi?
Adɛn enti na ɔka kyerɛ ne ho sɛ,
“Ɔremfrɛ me akontabuo so?”
14Nanso wo, Ao Onyankopɔn, wohunu amanehunu ne ɔhaw;
na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ.
Mmɔborɔni de ne ho ma wo;
wo na woyɛ awisiaa ɔboafoɔ.
15Bubu omumuyɛfoɔ ne ɔbɔnefoɔ aprɛ;
frɛ no na ɔmmɛbu nʼamumuyɛ ho nkontaa,
amumuyɛ a anka wɔrenhunu no.
16 Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa;
amanaman no bɛyera nʼasase so.
17Ao Awurade, wotie awiɛmfoɔ adesrɛ;
wohyɛ wɔn nkuran, na wotie wɔn sufrɛ,
18na wodi ma awisiaa ne deɛ wɔhyɛ ne soɔ
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔdasani a ɔfiri asase so
renhunahuna obiara bio.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Currently Selected:
Nnwom 10: ASNA
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.