Filipifoɔ Nnianimu
Nnianimu
Paulo twerɛɛ saa krataa yi kɔmaa Akristofoɔ a wɔwɔ Filipi a ɛno ne asafo a wɔdii ɛkan tee wɔ Europa. Na Filipi yɛ kuropɔn a agye din yie wɔ adwadie mu a na ɛhyɛ Roma aban ase. Wɔkyeree Paulo de no too afiase wɔ saa kuropɔn yi mu. Ɛberɛ a ɔda afiase no na ɔtwerɛɛ saa krataa yi. Saa ɛberɛ no, atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ de wɔn ho wuraa asafo no mu maa mpo nnipa bi sɔre tiaa Paulo nkyerɛkyerɛ no. Nanso, nnipa no bebree gyee nʼasɛm no too mu maa no deɛ ɛhia biara wɔ afiase hɔ. Saa krataa yi mu, Paulo kyerɛɛ anigyeɛ a wɔnya wɔ to a wɔde wɔn ho to Kristo so no mu.
Emu Nsɛm
Nkyea ne nnianimu (1.1-11)
Paulo ka nʼankasa ho asɛm (1.12-26)
Okristoni abrabɔ (1.27–2.18)
Paulo soma Timoteo ne Epafrodito kɔ Filipi (2.19-30)
Nkyerɛkyerɛ ne afotuo (3.1–4.9)
Akyɛdeɛ pa ho asɛdeɛ (4.10-20)
Nsɛnka no awieeɛ ne nhyira (4.21-23)
Currently Selected:
Filipifoɔ Nnianimu: ASNA
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.