4 Mose Nnianimu
Nnianimu
Wɔtwerɛɛ saa nwoma yi ɛberɛ a wɔkanee Israel mma no hunuu wɔn dodoɔ. Wɔkanee Israelmma no mprenu. Ɔman no tu firii Misraim no, afe akyi na wɔkanee wɔn (1.1–10.36). Mfirinhyia aduasa nwɔtwe akyi a ɔman no akyinkyini ɛserɛ so na wɔrebɛhyɛne Kanaan no na wɔkanee wɔn mprenu soɔ (26.1-65).
Nnipakan a ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtɔ so mmienu ntam no, Israelfoɔ no kɔtenaa Kades Barnea a ɛda Kanaan anafoɔ fam. Mfirinhyia bebree akyi no, wɔtu kɔɔ Yordan apueeɛ fam. Ɔmanfoɔ no bi tenaa hɔ na ebi nso kɔɔ Kanaan, a ɛyɛ Bɔhyɛ Asase no so. Ɛsiane sɛ Israelfoɔ yi rekɔtena ɔman foforɔ bi so enti, wɔhyehyɛɛ mmara ahodoɔ bi maa wɔn (6; 15; 27; 28).
Nwoma yi ka Israelfoɔ a wɔn aba mu abu na ahokyereɛ bebree abɔ wɔn hu ho asɛm. Wɔkasa tiaa Mose, Onyame onipa a wɔapa no sɛ ɔnni ɔman no anim. Israelfoɔ asoɔden ne aboterɛ a na wɔnni no nyinaa akyi no, Onyankopɔn dɔ ne ntoboaseɛ ne mmɔborɔhunu daa adi wɔ nwoma yi mu.
Emu Nsɛm
Akwantuo No Ho Ntotoeɛ (1.1–10.10)
Anammɔntuo A Ɛdi Ɛkan Wɔ Asase No Ho (10.11–14.45)
Ɛserɛ So Akyinkyinakyinkyini (15.1–21.15)
Anammɔntuo A Ɛtɔ So Mmienu Wɔ Bɔhyɛ Asase No Ho (22.1–36.13)
Currently Selected:
4 Mose Nnianimu: ASNA
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.