Bible App logo
Search Icon

Mika Nnianimu

Nnianimu
Mika bɛyɛɛ odiyifoɔ wɔ Yudaman mu. Nwoma yi ka Samaria ne aman amanmufoɔ ho asɛm; na ɛbɔ wɔn kɔkɔ fa atemmuo ne nnommumfa a ɛreba Israel a ɛyɛ Atifi fam Ahemman no so, wɔ abosomsom ne nhyɛsotrasoɔ a awurawura nkuropɔn te sɛ Samaria ne Yerusalem mu no enti.
Mika Nwoma no kasa tia bɔne ahodoɔ bi te sɛ korɔno, anibereɛ, ɔbrabɔne, nhyɛsotrasoɔ, nyaatwom, abususɛnka, ntɛnkyea, ahupoo, nkontompo, awudie ne deɛ ɛkeka ho.
Ɔsɛeɛ ho nkɔmhyɛ yi akyi no, nwoma yi twe adwene si anidasoɔ ne awerɛkyekyerɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ. Atemmuo bɛba, nanso Onyankopɔn mmɔborɔhunu no enti, ɔma berɛ ma adwensakyera.
Nwoma no wie sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛka sɛ aman nyinaa bɛsane abɛsom no na wanya ne nhyira no bɛba mu.
Emu Nsɛm
Israel ne Yuda atemmuo (1.1–3.12)
Yudaman bɛnya asomdwoeɛ (4.1–5.15)
Kɔkɔbɔ ne anidasoɔ (6.1–7.20)

Currently Selected:

Mika Nnianimu: ASNA

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in