3 Mose Nnianimu
Nnianimu
Mose Nwoma a ɛtɔ so Mmiɛnsa (Lewitikɔs) yi ka Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ne mmara ho asɛm. Ɛkyerɛ nhyehyɛeɛ ne akwan ahodoɔ a ɛsɛ sɛ asɔfoɔ anaa Lewifoɔ no fa so yɛ wɔn som adwuma wɔ hyiadan mu. Nwoma yi mu asɛm titire fa Onyankopɔn Kronkronyɛ ne ɛkwan a ɛsɛ sɛ nnipa fa so de som no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔne Nyankopɔn a ɔyɛ Israel Nyankopɔn Kronkron no ayɔnkofa no bɛtena hɔ daa.
Asɛnhia baako a ɛwɔ 19.18 mu, a Yesu nso kaeɛ ne mmara asɛm a ɛka sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no.
Emu Nsɛm
Onyankopɔn Kronkron No Som (1.1–17.16)
Asetena A Ɛyɛ Kronkron (18.1–27.34)
Currently Selected:
3 Mose Nnianimu: ASNA
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.