Bible App logo
Search Icon

Yona Nnianimu

Nnianimu
Asiria yɛ Israelfoɔ atamfoɔ kɛseɛ. Asiriaman yi de atirimuɔden ne tumitrasoɔ dii Israelfoɔ so. Onyankopɔn somaa Yona sɛ ɔnkɔ Ninewe, a ɛyɛ Asiria kuropɔn no mu, nkɔka nkyerɛ wɔn na wɔnsakyera wɔn adwene.
Yona Nwoma yi ka sɛdeɛ odiyifoɔ yi dwaneeɛ, nanso Onyankopɔn sanee no ma ɔkɔyɛɛ Onyankopɔn apɛdeɛ. Ɔkɔkaa asɛmpa no maa nnipa no sakyeraa wɔn adwene; na asotweɛ a anka ɛbɛba ɔman no so no paree wɔn. Yona bo annwo wɔ yei ho enti Onyankopɔn kaa nʼanim wɔ ne pɛsɛmenkomenya ne ahummɔborɔ a ɔnni no ho.
Nwoma yi ma yɛhunu Onyankopɔn dɔ, ayamyɛ ne ayamhyehyeɛ a ɔwɔ ma ne mma nyinaa. Onyankopɔn de bɔne kyɛ, na nʼatamfoɔ a wɔsakyera wɔn adwene no, ɔgye wɔn nkwa.
Emu Nsɛm
Yona frɛ ne nʼasoɔden (1.1-17)
Yona amanehunu ne ne gyeɛ (2.1-10)
Yona kasa tia Ninewe (3.1-10)
Onyankopɔn hunu Ninewe mmɔbɔ (4.1-11)

Currently Selected:

Yona Nnianimu: ASNA

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in