Bible App logo
Search Icon

Yesaia Nnianimu

Nnianimu
Yesaia nwoma no yɛ adiyifoɔ nwoma no deɛ ɛdi ɛkan wɔ Twerɛ Kronkron mu. Yesaia a ɔtwerɛɛ nwoma no yɛ adiyifoɔ akɛseɛ no mu baako.
Nwoma yi fa a ɛdi ɛkan a ɛyɛ Ti 1–39 ka atemmuo a ɛwɔ hɔ ma bɔne. Atemmuo yi kɔmaa Yuda, Israel ne nkurotoɔ a atwa wɔn ho ahyia sɛ wɔnnu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho. Ɛfa a ɛtɔ so mmienu a ɛyɛ Ti 40–66 no yɛ awerɛkyekyesɛm ne anidasoɔ a Yesaia daa no adi kyerɛɛ wɔn sɛ Onyankopɔn nam Agyenkwa no so bɛdi ne bɔhyɛ a wahyɛ sɛ daakye ɔbɛhyira wɔn na wagye wɔn ato mu bio no so.
Emu Nsɛm
Atemmuo mu nsɛm (1.1–39.8)
Awerɛkyekyesɛm (40.1–66.24)

Currently Selected:

Yesaia Nnianimu: ASNA

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in