Hosea Nnianimu
Nnianimu
Edin “Hosea” asekyerɛ ne “nkwagyeɛ”. Onyankopɔn maa odiyifoɔ Hosea ɔyere a wɔfrɛ no Gomer a wanni no nokorɛ. Ɔne mmarima afoforɔ mpo wowoeɛ, nanso Hosea kɔfaa ne yere yi ne no bɛtenaeɛ.
Nwoma yi yɛ Hosea osuahunu a wɔnam so kasa kyerɛ Israel sɛ wɔnnyae adwamammɔ a ɛyɛ ahonisom ne abosomsom a wɔnam so abu wɔne Onyankopɔn ntam apam no so. Ɛhia sɛ wɔbɛsakyera wɔn adwene na wɔasane akɔ Onyankopɔn nkyɛn.
Hosea Nwoma yi kyerɛ yɛn Onyankopɔn ayamyɛ sononko no ne asetena pa ho bɔhyɛ a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔtie atemmuo ho kɔkɔbɔ na wɔsane kɔ Onyankopɔn nkyɛn.
Emu Nsɛm
Hosea Yere Ɔkobɔni No (1.1–3.5)
Onyankopɔn Nkurɔfoɔ Akobɔfoɔ No (4.1–14.9)
1. Israel bɔne (4.1–6.3)
2. Israel asotwe (6.4–10.15)
3. Onyankopɔn dɔ a ɔdɔ Israel (11.1–14.9)
Currently Selected:
Hosea Nnianimu: ASNA
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.