Galatifoɔ Nnianimu
Nnianimu
Saa krataa yi nso, Paulo na ɔtwerɛ kɔmaa Akristofoɔ a wɔwɔ Galati. Na ebinom ka sɛ ansa na obi bɛyɛ Okristoni kann no, ɛsɛ sɛ ɔdi Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ so ketee. Paulo twerɛɛ saa krataa yi kɔmaa Galatifoɔ no kyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ woyɛ Okristoni a, na ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wodi Yudafoɔ ne Mose Mmara so ketee. Na mmom, Kristosom gyina gyidie a onipa wɔ wɔ Kristo mu no so, na Kristo nko so na yɛnam bɛtumi ne Onyankopɔn ayɛ baako. Afei, ɔkyerɛɛ wɔ saa krataa yi mu sɛ, ɛsɛ sɛ Okristoni abrabɔ da ɔdɔ adi. Ɔdɔ yi firi gyidie a yɛnya wɔ Kristo mu no. Ɔkaa hia a ɛhia sɛ wɔtena ase wɔ asetena a honhom ahyɛ no ma no mu.
Emu Nsɛm
Nkyea ne nnianimu (1.1-10)
Paulo anisoadehunu bi (1.11–2.21)
Gyidie pa ho nkyerɛkyerɛ (3.1–4.31)
Deɛ ɛdi Kristo mu ahofadie akyi (5.1–6.10)
Nsɛnka a ɛtwa toɔ (6.11-18)
Currently Selected:
Galatifoɔ Nnianimu: ASNA
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.