Ɔsɛnkafoɔ Nnianimu
Nnianimu
Ɔsɛnkafoɔ nwoma no fa Ɔhene Salomo nsusuiɛ ho. Ɔdwennwenee yie faa sɛdeɛ nnipa mmerɛ si yɛ tia no ho. Ɔhwɛɛ ne nkyi ne ɔbra a wabɔ; deɛ wasɔ ahwɛ, deɛ waka ahwɛ, na afei asɛm a ɔde wieeɛ ara ne sɛ, abrabɔ yɛ “huhuo”. Wantumi ante Onyankopɔn a onipa hyɛberɛ wɔ ne nsam no akwan ase. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ɔtuu fo sɛ wɔnyɛ adwuma den.
Nokorem saa nwoma mu yi kyerɛ abrabɔ ne honhom mu nyansa a ɛma nnipa bebree hunu wɔn ho sɛdeɛ wɔteɛ, na afei wɔnya abotɔyam ne anidasoɔ wɔ Onyankopɔn mu.
Emu Nsɛm
Salomo abrabɔ mu nsɛm (1.1–2.26)
Deɛ Salomo ahwɛ ahunu (3.1–5.20)
Salomo afutusɛm (6.1–8.17)
Deɛ Salomo de wie (9.1–12.14)
Currently Selected:
Ɔsɛnkafoɔ Nnianimu: ASNA
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.