Bible App logo
Search Icon

Daniel Nnianimu

Nnianimu
Wɔtwerɛɛ Daniel Nwoma yi ɛberɛ a na Israelfoɔ hyɛ ɔhene bi a na ɔnnim Onyankopɔn ase. Daniel hunuu sɛ na ɔnni ne fawohodie bebree, na ahonisomfoɔ nso atwa ne ahyia. Anka ɛsɛ sɛ ɔgyae ne Onyame mu, nanso Daniel kokodurufoɔ yi sɔɔ ne gyidie a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu denden. Ɔhunuu sɛ Onyankopɔn yɛ Otumfoɔ, na ɔyɛ ne nhyehyɛeɛ ma ɔman ne obiara.
Daniel Nwoma yi ka Nebukadnessar ko a ɔko faa Yerusalem ne Daniel ne nnamfonom mmiɛnsa ne Belsasar a ɔsii Nebukadnessar anan dii adeɛ sɛ ɔhene ho asɛm. Nwoma yi de Daniel anisoadehunu ahodoɔ a ɔnyaeɛ wɔ Belsasar, Dario ne Sirus ɛberɛ so na ɛwieeɛ.
Emu Nsɛm
Daniel Abrabɔ (1.1–6.28)
Daniel Anisoadehunu (7.1–12.13)

Currently Selected:

Daniel Nnianimu: ASNA

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in