Bible App logo
Search Icon

Amos Nnianimu

Nnianimu
Amos yɛ odwanhwɛfoɔ a ɔfiri Tekoa a ɛwɔ Yudaman mu. Ne din no ase ne adesoa anaa ɔdesoafoɔ. Onyankopɔn frɛɛ no sɛ ɔnkɔka nʼAsɛm wɔ Atifi Ahemman a ɛyɛ Israel mu.
Amos ɛberɛ so no, na Israelman di yie. Wɔn ahonya ne yiedie yi kɔdii adefoɔ nko ara nsam. Wɔnam amimdie, nsisie ne nhyɛsoɔ a wɔhyɛɛ ahiafoɔ no so na wɔde nyaa wɔn ho.
Nwoma no kyerɛ pefee sɛ atemmuo bɛba Yudafoɔ ne aman amanmufoɔ so wɔ wɔn bɔne ne atuateɛ a ɛtia Onyankopɔn. Ɛda no adi kyerɛ Israelman sɛ ɛwom sɛ wɔyɛ Onyankopɔn man deɛ, nanso sɛ wɔyɛ bɔne a, wɔbɛnya asotweɛ. Ɛka asɛmmɔdɛ sɛ Agyenkwa no bɛgye ɔman no asi wɔn dada mu wɔ wɔn adwensakyera akyi.
Emu Nsɛm
Atemmuo ho kɔkɔbɔ (1.1–2.16)
Deɛ enti a wɔbɛbu atɛn (3.1–6.14)
Atemmuo ho oyikyerɛ (7.1–9.15)

Currently Selected:

Amos Nnianimu: ASNA

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in