Bible App logo
Search Icon

2 Petro Nnianimu

Nnianimu
Ɔsomafoɔ Petro a na ɔyɛ Yesu asuafoɔ dumienu no mu baako no na ɔtwerɛɛ saa krataa yi kɔmaa Akristofoɔ a wɔahwete afanan nyinaa no. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛtu Akristofoɔ no fo na wɔahwɛ wɔn ho so yie wɔ atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ no ne ɔhaw a wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no de ba nnipa no so ho. Ɔsii so dua sɛ, wɔn a wɔyɛ bɔne no bɛnya so asotwe, na wɔn a wɔnnye asɛm no nni no nso wɔbɛpam wɔn, sɛdeɛ Onyankopɔn pamoo abɔfoɔ no bi firii ɔsoro, sɛee nnipa Noa ɛberɛ so ne Sodom ne Gomora sɛeɛ, ne sɛdeɛ wɔtwee Bileam aso wɔ ne bɔne ho no pɛ. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, Onyankopɔn mpɛ sɛ obi bɛyera, na mmom, ɔhwehwɛ sɛ obiara bɛtwe ne ho afiri bɔne ho.
Emu Nsɛm
Nkyea (1.1-2)
Nyansa turodoo (1.3-21)
Atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ ne wɔn nkyerɛkyerɛ (2.1-22)
Awurade ba a ɔbɛba (3.1-18)

Currently Selected:

2 Petro Nnianimu: ASNA

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in