1 Tesalonikafoɔ Nnianimu
Nnianimu
Paulo na ɔtee asafo wɔ Tesalonika a na ɛhɔ yɛ adwadie kuro no. Yudafoɔ mpanin no tiaa Paulo nkyerɛkyerɛ no mu anibereɛ so maa Paulo tu firii hɔ. Yudafoɔ no sɔre gyinaa dendeenden taa Akristofoɔ, enti ɛyɛɛ saa maa Paulo hokafoɔ Timoteo firii Tesalonika kɔɔ Paulo nkyɛn kɔkaa ɔhaw a Akristofoɔ no wɔ mu no kyerɛɛ no. Yei na ɛmaa Paulo twerɛɛ saa krataa yi de kɔhyɛɛ Akristofoɔ a wɔwɔ Tesalonika no nkuran. Ɔdaa wɔn gyidie ne ɔdɔ a wɔwɔ no nso ase. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsɔ gyidie no mu denden na wɔntena ase sɛ nokorɛ Akristofoɔ a wɔrehwɛ Kristo ba a ɛtɔ so mmienu no anim dendeenden.
Emu Nsɛm
Nkyea (1.1)
Sɛdeɛ na asafo no te ne nʼanimuonyam (1.2-10)
Asomafoɔ a na wɔka wɔn ho no adwuma (2.1–3.13)
Ɛkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so ka asafo no mu nsɛm (4.1–5.11)
Nkuranhyɛ nsɛm (5.12-28)
Currently Selected:
1 Tesalonikafoɔ Nnianimu: ASNA
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.