Nnwom mu dwom NHYƐNMU
NHYƐNMU
Nnwom mu dwom yɛ ɔdɔ anwonsɛm ahodoɔ a wɔahyehyɛ, a ne fa kɛseɛ no ara yɛ nnwom a ɔbarima to kyerɛ ɔbaa, ne deɛ ɔbaa to kyerɛ ɔbarima. Nkyerɛaseɛ bi mu no, wɔfrɛ nwoma yi Salomo Nnwom, ɛfiri sɛ Hebri mu no, wɔde ma Salomo.
Mpɛn pii na Yudafoɔ akyerɛ saa nnwom yi mu sɛ ɛyɛ ayɔnkofa a ɛda Onyankopɔn ne ne man ntam ho mfonini, na Akristofoɔ nso te aseɛ sɛ, ɛyɛ ayɔnkofa a ɛda Kristo ne n’asafo ntam no ho mfonini.
EMU NSƐM
Nnwom a ɛdi kan 1.1—2.7
Nnwom a ɛtɔ so mmienu 2.8—3.5
Nnwom a ɛtɔ so mmiɛnsa 3.6—5.1
Nnwom a ɛtɔ so nnan 5.2—6.3
Nnwom a ɛtɔ so nnum 6.4—8.4
Nnwom a ɛtɔ so nsia 8.5-14
Currently Selected:
Nnwom mu dwom NHYƐNMU: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012