YouVersion Logo
Search Icon

Romafoɔ 9

9
Onyankopɔn yi Israelfoɔ
1Mereka nokorɛ no Kristo mu, menni atorɔ, na m’ahonim nso redi me adanseɛ Honhom Kronkron mu 2sɛ: Medi awerɛhoɔ kɛseɛ ne daa yea wɔ m’akoma mu. 3#Eks 32.32 Na anka mepɛ sɛ wɔyi me ara firi Kristo ho, yɛ abusudeɛ ma me nuanom a honam fam wɔyɛ m’abusuafoɔ, 4#Eks 4.22; Deut 7.6; 14.1 na wɔyɛ Israelfoɔ a abayɛ ne animuonyam, ne apam ahodoɔ ne mmarahyɛ ne nyamesom ne bɔhyɛ ahodoɔ no yɛ wɔn dea; 5#Mat 1; Luka 3.23-34; Yoh 1.1 na agyanom no nso wɔ wɔn, na honam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wɔhyira no daa daa no firi wɔn mu bae. Amen.
6 # Num 23.19; Rom 2.28 Na ɛnyɛ sɛ ebia Nyankopɔn asɛm no mu atu. Ɛfiri sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔfiri Israel mu nyinaa na wɔyɛ Israelfoɔ, 7#Gye 21.12 nanso ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefoɔ nti, wɔn nyinaa yɛ Abraham mma, na mmom: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ. 8#Gal 4.23 Ɛne sɛ, ɛnyɛ honam mma no ne Nyankopɔn mma, na mmom bɔhyɛ mma no na wɔbu wɔn asefoɔ. 9#Gye 18.10 Ɛfiri sɛ bɔhyɛ asɛm no ni: Afeda sɛsɛɛ mɛba, na Sara anya ɔba. 10#Gye 25.21 Na ɛnyɛ yei nko, na Rebeka nso ne ɔbaakofoɔ a ɔne yɛn agya Isak no nyinsɛneeɛ, 11na ɔnnya nwoo mma no, na wɔnnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tiri mu a ɔbɔɔ no nyiyimu soɔ no atena hɔ, na amfiri nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti, 12#Gye 25.23 wɔsee no sɛ: Ɔpanin no bɛsom akumaa no; 13#Mal 1.2-3 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:
Medɔɔ Yakob,
na metanee Esau.
14 # Deut 32.4 Enti afei yɛbɛka sɛn? Adeɛ a ɛntene wɔ Nyankopɔn hɔ anaa? Dabi da! 15#Eks 33.19 Na ɔsee Mose sɛ:
Deɛ mehu no mmɔbɔ no ara na mɛhu no mmɔbɔ,
na deɛ me yam hyehye me ma no no ara na me yam bɛhyehye me ama no.
16 # Efe 2.8 Ɛnneɛ na ɛmfiri deɛ ɔpɛ anaa deɛ ɔtu mmirika no, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔhunu mmɔborɔ no. 17#Eks 9.16 Na atwerɛ no see Farao sɛ: Yei ara nti na mama wo so sɛ mɛyi me tumi adi wɔ wo mu, na wɔabɔ me din asase nyinaa so. 18#Eks 4.21 Ɛnneɛ na deɛ ɔpɛ na ɔhu no mmɔborɔ, na deɛ ɔpɛ na ɔma n’akoma yɛ den.
Onyankopɔn abufuo ne n’ahummɔborɔ
19Na afei wobɛka akyerɛ me sɛ: Adɛn na ɔda so nunu onipa? Na hwan na ɔbɛtumi ne ne pɛ a ɔpɛ no adi asie? 20#Yes 45.9 Ɛnneɛ, onipa, hwan ne wo a wotuatua Onyankopɔn asɛm ano? Anwonneɛ bɛse ɔnwomfoɔ sɛ: Adɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ? 21Okukunwomfoɔ nni dɔteɛ so tumi sɛ ɔde dɔtetoa korɔ no ara nwono kukuo baako ma no yɛ fɛ na ɔnwono foforɔ nso a ɛnyɛ fɛ? 22#Rom 2.4 Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyi n’abufuo adi, na ɔma wɔhunu ne tumidie, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuo adeɛ a wɔasiesie ama ɔsɛeɛ no mu, 23#Efe 1.3-12; Rom 8.29 sɛ ɔbɛma wɔahunu n’animuonyam ahonya nso mmɔborɔhunu adeɛ a wɔasiesie ama animuonyam no so a, wobɛka sɛn? 24Yɛn nso wafrɛ yɛn, ɛnyɛ Yudafoɔ nko ara mu, na amanaman mufoɔ nso.
25 # Hos 2.23 Sɛdeɛ ɔka no Hosea nwoma mu nso sɛ:
Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no “me man,”
ne deɛ mannɔ no no ɔdɔfo;
26 # Hos 1.10 na ɛbɛba sɛ faako a wɔsee wɔn sɛ: Monyɛ me man no,
ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn Nyankopɔn Teasefoɔ no mma.
27 # Yes 10.22-23; Rom 11.5 Yesaia nso tea mu wɔ Israel ho sɛ: Sɛ Israel mma dodoɔ te sɛ mpoano anwea a, emu nkaeɛ no na wɔbɛgye wɔn nkwa; 28ɛfiri sɛ Awurade bɛdi n’asɛm asase so awie atwa no tiaa. 29#Yes 1.9 Na sɛdeɛ Yesaia aka asie no:
Sɛ asafo Awurade annya mma amma yɛn a,
anka yɛayɛ sɛ Sodom, na wɔama yɛasɛ Gomora.
Paulo mpaeɛ a ɔbɔ ma Israel
30 # Rom 10.20 Enti afei yɛbɛka sɛn? Amanaman mufoɔ a wɔanti tenenee no anya tenenee, nanso ɛyɛ tenenee a ɛfiri gyidie mu; 31#Rom 10.2-3 na Israel a wɔtii tenenee mmara no deɛ, wɔanto tenenee mmara no. 32Ɛdeɛn ntira? Ɛfiri sɛ wɔtii no sɛ ɛmfiri gyidie mu, na mmom ɛfiri nnwuma mu; ɛfiri sɛ wɔsuntii suntiboɔ no, 33#Yes 8.14; 28.16; Mat 21.42; 21.44 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:
Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ suntiboɔ ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ;
na obiara a ɔbɛgye no adie no anim rengu ase.

Currently Selected:

Romafoɔ 9: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in