Romafoɔ 4
4
Wɔde Abraham yɛ mfatoho
1Afei ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho? 2Na sɛ ɛfiri nnwuma mu na wɔbuu Abraham bem a, ɛnneɛ na ɔwɔ deɛ ɔde hoahoa ne ho, nanso ɛnyɛ Nyankopɔn anim. 3#Gye 15.6; Gal 3.6 Na ɛdeɛn na twerɛ no seɛ? Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na wɔbuu ɛno sɛ tenenee maa no. 4#Rom 11.6; Mat 20.7; 20.14 Na deɛ ɔyɛ nnwuma no deɛ, wɔmmu n’akatua sɛ adom, na mmom sɛ ɛka bi a wɔretua ama no. 5Na deɛ ɔnyɛ nnwuma, na ɔgye deɛ ɔbu obusuyɛfoɔ bem die no, wɔbu ne gyidie sɛ tenenee ma no. 6Sɛdeɛ Dawid nso ka sɛ, nhyira no yɛ onipa a Onyankopɔn kwati nnwuma bu tenenee ma no no dea,
7 #
Dwom 32.1-2
sɛ: Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn mmarato akyɛ wɔn,
na wɔn bɔne so akata.
8Nhyira ne onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu ne soɔ.
9Ɛnneɛ na nhyira yi ba twetiatwafoɔ nko so, anaa momonotofoɔ nso so? Ɛfiri sɛ yɛka sɛ wɔbuu gyidie sɛ tenenee maa Abraham. 10Na wɔbu maa no sɛn? Ɔwɔ twetiatwa mu anaa momonotoyɛ mu no a? Ɛnyɛ twetiatwafoɔ mu, na mmom momonotoyɛ mu. 11#Gye 17.10-11 Na ɔnyaa twetiatwa nsɛnkyerɛnneɛ sɛ ne momonotoyɛ mu gyidie a ɔde nyaa tenenee no nsɔano, na wayɛ momonotoyɛ mu gyidifoɔ nyinaa agya, na wɔabu tenenee no ama wɔn nso, 12#Mat 3.9 na wayɛ twetiafoɔ agya nso, a ɛnyɛ sɛ wɔfiri twetiatwa mu nko, na mmom sɛ wɔtiatia yɛn agya Abraham gyidie a na ɔwɔ, ɛberɛ a na ɔyɛ momonoto no anammɔn mu bi.
Gyidie mu na wɔnam gye Onyankopɔn bɔhyɛ
13 #
Gye 18.18; 22.17-18 Na ɛnyɛ mmara so na ɛbɔ a wɔhyɛɛ Abraham ne n’asefoɔ sɛ wɔbɛyɛ wiase adedifoɔ no nam baeɛ, na mmom ɛnam gyidie tenenee so. 14Na sɛ wɔn a wɔfiri mmara mu no yɛ adedifoɔ a, na gyidie no ayɛ kwa na bɔhyɛ no adane ohunu; 15#Rom 3.20; 5.13; 7.8; 7.10 ɛfiri sɛ mmara no twe abufuo ba. Na deɛ mmara bi nnie no, mmarato nso nni hɔ. 16Enti ɛfiri gyidie mu, sɛ ɛmfiri adom mu mmra, na bɔhyɛ no atim ama n’asefoɔ no nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔfiri mmara mu no nko, (na mmom wɔn a wɔfiri Abraham a ɔyɛ yɛn nyinaa agya, gyidie mu no nso bi, 17#Gye 17.5 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Mede wo mayɛ amanaman mufoɔ bebree agya,) Onyankopɔn a ɔgyee no diiɛ a ɔnyane awufoɔ, na ɔfrɛ nnoɔma a ɛmmaeɛ sɛ nnoɔma a ɛwɔ hɔ no anim.
18 #
Gye 15.5
Ɔno na faako a anidasoɔ nnie no, ɔgyinaa anidasoɔ so gye diiɛ, na wayɛ amanaman mufoɔ bebree agya, sɛdeɛ wɔaka no sɛ: Sɛdeɛ w’asefoɔ bɛyɛ ne no. 19#Gye 17.17 Na wanyɛ mmerɛ gyidie mu, anhwɛ ne nipadua, sɛ wadi mfirinhyia bɛyɛ ɔha nti, anya awu, ne Sara yafunu a emu ato no; 20#Heb 11.8-11 na Nyankopɔn bɔhyɛ no ho deɛ, wamfa ɔgyeɛ a wɔnnye nnie annye kyim, na mmom ɔnyaa gyidie mu ahoɔden hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, 21na ɔnim ampa sɛ, deɛ wahyɛ ho bɔ no, ɔbɛtumi ayɛ nso. 22#Rom 4.3 Enti nso wɔbuu no sɛ tenenee maa no. 23#Rom 15.4 Na ɛnyɛ ne nko nti na wɔatwerɛ yei, sɛ wɔbuu no saa maa no, 24na mmom yɛn nso a yɛgye deɛ ɔnyanee yɛn Awurade Yesu firii awufoɔ mu no die no, wɔbɛbu no saa ama yɛn; 25#Yes 53.4-5; 1 Ko 15.17 ɔno na yɛn mfomsoɔ nti wɔyii no maeɛ, na yɛn bembuo nti, wɔnyanee no.
Currently Selected:
Romafoɔ 4: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012