Romafoɔ 3:25-26
Romafoɔ 3:25-26 ASW
Ɔno na Onyankopɔn de no asi hɔ sɛ mpatadeɛ a ɛnam gyidie so wɔ ne mogya mu, na ɔde akyerɛ ne tenenee sɛ nnebɔne a wɔayɛ kane no wama no atwa mu Nyankopɔn boasetɔ mu no nti. Na ɔde akyerɛ ne tenenee no wɔ ɛberɛ yi mu, na ɔno ara atene, na wabu deɛ ɔfiri Yesu ho gyidie mu no nso bem ama no atene bi.






