Romafoɔ 16
16
Paulo nkyea ahodoɔ
1Na mebɔ yɛn nuabaa Foibe a ɔyɛ asafo a ɛwɔ Kenkrea no mu somfoɔ din mede no mehyɛ mo nsa 2sɛ: Monnye no Awurade mu, sɛdeɛ ɛsɛ ahotefoɔ no, na monnyina n’akyi adwuma biara a mo ho bɛhia no mu; ɛfiri sɛ ɔno nso ayɛ nnipa pii ne me ara me boafoɔ.
3 #
Aso 18.2; 18.26 Monkyea Priska ne Akwila, me yɔnko adwumayɛfoɔ Kristo Yesu mu 4a wɔpɛɛ sɛ anka wɔde wɔn ara wɔn nkwa to hɔ maeɛ de sii me kra ananmu. Na ɛnyɛ me nko na meda wɔn aseɛ, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman nyinaa mu nso. 5#1 Ko 16.19; 16.15 Monkyea asafo a ɛwɔ wɔn fie no nso. Monkyea me dɔfo Epaineto a ɔyɛ Kristo mu abakan a ɔfiri Asia no.
6Monkyea Maria a ɔhaa ne ho pii maa mo no. 7#2 Ko 8.23 Monkyea Androniko ne Yunia, m’abusuafoɔ ne me yɔnko mpokyerɛfoɔ a wɔwɔ din asomafoɔ no mu na wɔdii m’anim Kristo mu no. 8Monkyea m’Awurade mu dɔfo Amplia. 9Monkyea yɛn Kristo mu yɔnko dwumayɛfoɔ Urbano ne me dɔfo Staki. 10Monkyea Apele a wɔahu no ɔnokwafoɔ Kristo mu no. Monkyea wɔn a wɔfiri Aristobulo fiefoɔ mu no. 11Monkyea me busuani Herodion. Monkyea wɔn a wɔfiri Narkiso fiefoɔ mu a wɔwɔ Awurade mu no. 12Monkyea Trifaina ne Trifosa a wɔbɔ Awurade mu mmɔden no. Monkyea ɔdɔfo Persi a ɔbɔɔ Awurade mu mmɔden pii no. 13#Mar 15.21 Monkyea Rufo a wɔayi no Awurade mu, ne ne na a ɔyɛ me nso me na. 14Monkyea Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma ne anuanom a wɔka wɔn ho. 15Monkyea Filologo ne Yulia, Nereo ne ne nuabaa ne Olimpa ne ahotefoɔ a wɔne wɔn wɔ hɔ nyinaa. 16#1 Ko 16.20 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho. Kristo asafo nyinaa kyeakyea mo.
17 #
Mat 7.15; Tito 3.10 Nanso, anuanom, metu mo fo sɛ, monkari wɔn a wɔde mpaepaemu ba na wɔto suntidua de sɛe nkyerɛkyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfiri wɔn ho. 18#Flp 3.19; Hes 13.18; Kol 2.4 Na wɔn a wɔte saa no nsom yɛn Awurade Kristo, na mmom wɔsom wɔn ara yafunu, na wɔde tɛkyerɛmadɛ ne adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa wɔn a wɔnnim bɔne no akoma. 19#Rom 1.8; 1 Ko 14.20 Na mo deɛ, mo asoɔmmerɛ no atrɛ aduru nnipa nyinaa aso mu; enti m’ani gye mo ho, nanso mepɛ sɛ moyɛ papa ho anyansafoɔ, na moyɛ kronn wɔ bɔne ho, 20#Rom 15.32 na asomdwoeɛ Nyankopɔn no bɛpɛkyɛ Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.
21 #
Aso 16.1-2; 19.22; 20.4; Flp 2.19 Me yɔnko dwumayɛfoɔ Timoteo ne m’abusuafoɔ Lukio, Yason ne Sosipatro kyea mo. 22Me Tertio a meretwerɛ nwoma yi, mekyea mo Awurade mu, 23#1 Ko 1.14; Aso 19.22 Gaio a ɔyɛ me ne asafo no nyinaa fiewura kyea mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne onua Kwarto kyea mo. 24[Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Amen.] #16.24 Tete atwerɛfoɔ a wɔgye wɔn to mu no binom mfa Ti 24 nka ho.
25 #
Efe 1.9; 3.5; 3.9 Deɛ ɔtumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛdeɛ m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka teɛ, sɛdeɛ ahuntasɛm a akane teteete no wɔanka, 26#2 Ti 1.10; Rom 1.5 na afei wɔayi no adie, na wɔnam adiyifoɔ twerɛ nsɛm no so ayi no adi akyerɛ amanaman mufoɔ, sɛdeɛ daa Nyankopɔn hyɛ no teɛ, ama ɔsetie a ɛde kɔ gyidie mu, 27#1 Ti 1.17; Yuda 25 Onyankopɔn a ɔyɛ onyansafoɔ koro no, animuonyam mfa Yesu Kristo so nka no daa daa! Amen.
Currently Selected:
Romafoɔ 16: ASW
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012