Romafoɔ 14
14
Mo mmmu atɛn
1 #
Rom 15.1; 1 Ko 8.9 Deɛ ɔyɛ mmerɛ gyidie mu no, monnye no, na mmom mo ne no nham wɔ deɛ n’adwene kyerɛ no ho. 2#Gye 1.29; 9.3 Obi gye di sɛ ɔtumi di aduane biara bi; na deɛ ɔyɛ mmerɛ no deɛ, ɔdi nhahannuane nko ara. 3#Kol 2.16 Deɛ ɔdie no mmmu deɛ ɔnnie animtia, na deɛ ɔnnie no mmmu deɛ ɔdie atɛn, na Onyankopɔn agye no. 4#Mat 7.1; Yak 4.11-12 Hwan ne wo a wobu obi fie nipa atɛn? Ɔno ara ne wura anim na ɔgyina anaasɛ ɔhwe aseɛ; nanso ɔbɛgyina, na Awurade bɛtumi ama no agyina. 5#Gal 4.10 Obi bu da bi sene bi, na obi nso bu nna nyinaa pɛ. Momma obiara adwene nsi no pi. 6Deɛ ɔdwene da bi ho no, ɔdwene ma Awurade. Deɛ ɔdie no, ɔdi ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase; na deɛ ɔnnie no, ɔnni de ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase.
7Na yɛn mu biara nte ase mma ne ho, na obiara nwu mma ne ho. 8#Gal 2.20; 1 Te 5.10 Na sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; sɛ yɛwu nso a, yɛwu ma Awurade. Enti sɛ yɛte ase oo, yɛwu oo, yɛyɛ Awurade dea. 9Na yei nti na Kristo wuiɛ na ɔsɔreeɛ na ɔnyaa nkwa, sɛ ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔ wura.
10 #
Aso 17.31; Mat 25.31-32; 2 Ko 5.10 Na wo deɛ, adɛn nti na wobu wo nua atɛn, anaasɛ wo nso, adɛn na wobu wo nua animtia? Na yɛn nyinaa bɛgyina Nyankopɔn atemmuo adwa no anim. 11#Yes 45.23; Flp 2.10-11 Na wɔatwerɛ sɛ:
Awurade se: Sɛ mete ase yi, me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me,
na tɛkyerɛma nyinaa bɛbɔ Nyankopɔn din.
12 #
Gal 6.5
Enti afei yɛn nyinaa bɛbu yɛn ho nkonta mmaako mmaako akyerɛ Onyankopɔn.#14.12 Tete atwerɛ afoforɔ a wɔgye to mu binom mfa Onyankopɔn nka ho.
Nsi Okristoni biara nkɔsoɔ kwan
13Enti mommma yɛmmmu yɛn ho yɛn ho atɛn bio, na mommu atɛn yi mmom sɛ obi mmfa akwansideɛ anaa suntidua bi nnto hɔ mmma ne nua. 14#Mat 15.11; Aso 10.15; Tito 1.15 Menim, na megye medi Awurade Yesu mu sɛ, biribiara ankasa nyɛ fi; na deɛ ɔbu biribi fi no, ɔno ara na ɛyɛ fi ma no.
15 #
1 Ko 8.11-13
Na sɛ w’aduane nti wo nua werɛ ho a, ɛnneɛ ɛnyɛ ɔdɔ so na wonante bio. Mfa w’aduane nsɛe deɛ Kristo sii n’ananmu wuiɛ no. 16#Tito 2.5 Enti mommma wɔnnka mo papa ho nsɛmmɔne! 17#Luka 17.20 Na Nyankopɔn ahennie nyɛ adidie ne ɔnom, na mmom ɛyɛ tenenee ne asomdwoeɛ ne Honhom Kronkron mu anigyeɛ. 18Na deɛ ɔsom Kristo yeinom mu no, ɔsɔ Nyankopɔn ani, na nnipa bu no.
19 #
Rom 12.18; 15.2 Enti afei momma yɛnni deɛ ɛma asomdwoeɛ ne deɛ ɛbɛma yɛn nkɔsoɔ akyiri. 20#Rom 14.14 Aduane nti nsɛe Nyankopɔn adwuma! Nnoɔma nyinaa ho te deɛ, nanso ɛyɛ bɔne ma onipa, sɛ ɔdi deɛ ɛto suntidua. 21#1 Ko 8.13 Ɛyɛ sɛ wonni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua suntidua. 22Wo deɛ, wo gyidie a wowɔ no, kora fa wɔ Nyankopɔn anim! Nhyira ne deɛ ɔmmu ne ho atɛn, deɛ ɔbu no sɛ ɛyɛ no mu. 23#Tito 1.15 Na deɛ n’adwene mu yɛ no naa no, sɛ ɔdi a, wadi fɔ; ɛfiri sɛ ɛmfiri gyidie mu na ɔdie. Na biribiara a ɛmfiri gyidie mu no yɛ bɔne.
Currently Selected:
Romafoɔ 14: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012