Nnwom 95
95
Momma yɛnsɔre AWURADE
1Mommra mma yɛnto anigyeɛ dwom mma AWURADE,
momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ botan.
2Momma yɛmfa aseda mmra n’anim,
na yɛmfa nnwom nni ahurisie mma no.
3 #
Dwom 96.4
Na AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛseɛ
ne ɔhenkɛseɛ, anyame nyinaa so.
4Ne nsam na asase mu ahuntadeɛ wɔ,
na mmepɔ so srɔnsrɔn nso wɔ no.
5Ɔno na ɛpo wɔ no, na ɔno na ɔyɛeɛ,
na asase pɛsɛɛ nso, ne nsa na ɛnwonoeɛ.
6Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre
AWURADE, yɛn yɛfoɔ anim.
7 #
Dwom 100.3; Yoh 10.27-28; Heb 3.7; 4.7 Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn,
na yɛn deɛ, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfoɔ
ne ne nsam nnwan.
Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ!
8Monnyɛ mo akoma denden sɛ Meriba,
sɛ Masa da no, ɛserɛ so hɔ,
9 #
Eks 17.2, 7 berɛ a mo agyanom gyegyee m’ano,
na wɔsɔɔ me hwɛeɛ no, nanso na wɔanya me nnwuma nhunui.
10Mfeɛ aduanan na awoɔ ntoatoasoɔ no ho yɛɛ me ahi,
na mekaa sɛ: Ɔman a wɔfom akoma mu ne wɔn.
Na wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan.
11 #
Num 14.22-23
Na ɛmaa mekaa m’abufuo mu ntam,
sɛ wɔrennuru me home mu.
Currently Selected:
Nnwom 95: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012