Nnwom 83
83
Israel atamfoɔ
Asaf dwom.
1Onyankopɔn, nyɛ komm,
mmua w’ano, na nhome, Onyankopɔn.
2Na hwɛ, w’atamfo yɛ gyegyeegye,
na wɔn a wɔkyiri woɔ ama wɔn tiri so.
3 #
Dwom 27.5; 35.20 Wo man tiri so na wɔrepam anyansapam,
na wɔkɔ wɔn a wɔahunta no tiri so agyina.
4Wɔka sɛ: Mommra mma yɛnku wɔn ase mfiri ɔman no mu,
na wɔankae Israel din bio.
5Na wɔde akoma korɔ tu agyina,
wo tiri so na wɔpam.
6Edom ntomadan ne Ismaelfoɔ,
Moab ne Hagarfoɔ,
7Gebal ne Amon ne Amalek,
Filistifoɔ asase ne wɔn a wɔte Tiro.
8Asiria nso de ne ho bataa wɔn ho,
wɔaboa Lot mma.
9 #
Ate 7.22; 4.15; 21.23 Yɛ wɔn sɛ Midian, sɛ Sisera,
sɛ Yabin, Kison subɔn mu.
10Wɔsɛee wɔ Endor,
na wɔyɛɛ sɛ nwira dodoɔ maa asase.
11 #
Ate 7.25; 8.21 Yɛ wɔn ne wɔn adehyeɛ sɛ Oreb ne Seeb,
na yɛ wɔn ahemfo nyinaa sɛ Sebah ne Salmuna,
12 #
Dwom 74.8
wɔn a wɔka sɛ:
Momma yɛmfa Nyankopɔn afie nni, no.
13Me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ ahum a ɛdi kyinhyia,
sɛ mframa anim ntɛtɛ.
14Sɛ ogya a ɛhye kwaeɛ
na ogyaframa tafere mmepɔ ho no,
15saa ara na fa w’ahum taa wɔn,
na fa wo mframa denden no yi wɔn hu.
16AWURADE, ma wɔn ani nwu,
na wɔmmisa wo din akyiri kwan.
17Ma wɔn anim ngu ase na wɔmmɔ twi daa,
na wɔmmɔ adapaa na wɔnyera,
18 #
Hos 12.5
na wɔnhunu sɛ
wo a wo din de AWURADE no,
wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.
Currently Selected:
Nnwom 83: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012