Nnwom 67
67
Nnɔbaeɛ twa ho aseda dwom
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dwom a wɔto no asankuo ano.
1 #
Num 6.24-25
Onyankopɔn, dom yɛn, na hyira yɛn,
te w’anim kyerɛ yɛn.
2Na ma wɔnhunu w’akwan wɔ asase so,
wo nkwagyeɛ amanaman nyinaa mu.
3 #
Dwom 117.1
Onyankopɔn, aman bɛyi wo ayɛ,
aman nyinaa bɛyi wo ayɛ.
4Aman ani bɛgye na wɔato ahosan nnwom,
sɛ wobu aman atɛntenenee
na wokyerɛkyerɛ asase so aman kwan.
5Onyankopɔn, aman bɛyi wo ayɛ,
aman nyinaa bɛyi wo ayɛ.
6 #
Dwom 65.9
Asase abɔ n’aduane, Onyankopɔn,
yɛn Nyankopɔn bɛhyira yɛn.
7 #
Dwom 33.8
Onyankopɔn bɛhyira yɛn,
na wɔn a wɔte asase ano nyinaa asuro no.
Currently Selected:
Nnwom 67: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012