Nnwom 57
57
Nyankopɔn mu ahotosoɔ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid abebuo dwom. Wɔnto no “Al-taset” sankuo nne so. Ɔtoo no ɔbodan no mu berɛ a ɔdwanee Saulo no.
1 #
1 Sa 22.1; Dwom 91.1-2 Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn,
hu me mmɔbɔ,
na wo na me kra dwane bɛtoa woɔ,
na wo ntaban ase nwunu mu na mepɛ me dwanekɔhyɛbea
kɔsi sɛ ahohia yi bɛtwa mu.
2Mesu mefrɛ ɔsorosoro Nyankopɔn,
mefrɛ Onyankopɔn a ɔdi ma me wie.
3Ɔbɛsoma afiri soro abɛgye me,
ɔbɔ deɛ ɔregye me amene me no ahohora.
Onyankopɔn bɛsoma n’adom ne ne nokorɛ.
4Me kra da agyata mu,
meda wɔn a wɔhome gyaframa mu.
Nnipa mma a wɔn se yɛ mpea ne agyan,
na wɔn tɛkyerɛma yɛ nkrantɛ nnamnnam.
5Onyankopɔn, ma wo ho so tena soro,
ma w’animuonyam so asase nyinaa so.
6 #
Dwom 7.15
Wɔsum m’anammɔn fidie,
me kra brɛɛ ase,
wɔtuu me kwan mu amena,
wɔn ankasa ahwehwe mu.
7M’akoma atim, Onyankopɔn,
m’akoma atim,
mɛto dwom na mayi ayɛ.
8 #
Dwom 16.9
Me kra, nyane,
bɛnta ne sankuten, nyane,
me nso mɛnyane anɔpahema.
9AWURADE, mɛda wo ase aman mu,
mɛto wo ayeyie dwom aman mu,
10 #
Dwom 36.5
na w’adɔeɛ so kɔduru soro,
na wo nokorɛ kɔduru wiem tɔnn.
11Onyankopɔn, ma wo ho so tena ɔsoro,
ma w’animuonyam so asase nyinaa so.
Currently Selected:
Nnwom 57: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012