YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 131

131
Ahobrɛaseɛ ne abodwoɔ
Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.
1AWURADE, m’akoma nyɛ dwaeɛ,
na m’ani ntra ne ntɔn,
na menyɛ apɔmpɔmpɛ,
na menhwehwɛ anwanwadeɛ a ɛkyɛne me.
2Ampa, madwodwo me kra mama no ayɛ komm,
sɛ ɔba a wɔatwa no nufoɔ a ɔwɔ ne na ho;
aane me kra te sɛ ɔba a wɔatwa no nufoɔ
3 # Dwom 130.7 Israel, ma w’ani nna AWURADE so
mfiri seesei nkɔsi daa.

Currently Selected:

Nnwom 131: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in