YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 113

113
Onyankopɔn dom ahobrɛasefoɔ
1Monyi AWURADE ayɛ!
Mo AWURADE nkoa, monyi ayɛ,
monyi AWURADE din ayɛ.
2Nhyira nka AWURADE din
mfiri nnɛ nkɔsi daa.
3Ɛfiri owiapueeɛ kɔpem n’atɔeɛ,
AWURADE din sɛ ayeyie.
4Wɔama AWURADE so amanaman nyinaa so,
n’animuonyam tra ɔsoro.
5 # Eks 15.11; Yes 57.15 Hwan na ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn
a ne tenabea wɔ soro,
6 # Luka 1.48 na ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam,
ɔsoro ne asase soɔ?
7 # Gye 41.40-41; 1 Sa 2.8 Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu,
na ɔma ohiani so firi sumina so,
8sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma nkyɛn,
ne man mu mmapɔmma.
9 # Gye 21.2; 1 Sa 1.20; 2.21; Luka 1.57-58 Ɔma ɔbaabonini nya efie tena mu,
na ɔyɛ ɔbaatan a n’ani gyeɛ.
Monyi AWURADE ayɛ!

Currently Selected:

Nnwom 113: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in