YouVersion Logo
Search Icon

Mmebusɛm NHYƐNMU

NHYƐNMU
Mmebusɛm nwoma no kura kasammebuo ne mmɛ a wɔde kyerɛkyerɛ abrabɔ ne nyamesom mu. Nsɛm no mu fa kɛseɛ no ara fa daa daa asetena mu adeyɛ nsɛm ho. Nwoma no mfitiaseɛ no kae yɛn sɛ, sɛ wopɛ sɛ wonya nhunumu a, di kan fa obuo ne nidie ma AWURADE. Ɛno akyi no, ɛtoa so ka nyamesom mu abrabɔ ho nsɛm. Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom ɛka nyansa ne abrabɔ pa nso ho nsɛm. Kasammebuo ntiantia ahodoɔ no kyerɛ tete Israel akyerɛkyerɛfoɔ adwene a na wɔwɔ fa deɛ asɛm bi si a, ɛsɛ sɛ onyansafoɔ yɛ no ɛberɛ biara. Ebi fa ayɔnkofa a ɛda abusua ntam, ebi nso fa edwadie ho. Ebi fa sɛdeɛ onipa bɛdi ne ho nni afa. Ɛsane ka ɔdasani asetena, ntoboaseɛ, obuo a wɔde bu ahiafoɔ ne ayɔnkofa pa ho asɛm nso.
EMU NSƐM
Deɛ wɔde kamfo nyansa 1.1—9.18
Salomo mmebusɛm 10.1—29.27
Deɛ Agur kaeɛ 30.1-33
Kasammebuo ahodoɔ 31.1-31

Currently Selected:

Mmebusɛm NHYƐNMU: ASW

Highlight

Share

Compare

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in