YouVersion Logo
Search Icon

Numeri 13

13
Akwansrafoɔ no
1 # Deut 1.19-25 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2Fa mmarima soma wɔn, na wɔnkɔsra Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ no; monsoma ɔbarima baako mfiri wɔn nananom abusuakuo biara mu, na wɔn mu biara nyɛ wɔn mu mmapɔmma no bi. 3Na Mose nam AWURADE asɛm so somaa wɔn firii Paran serɛ so, wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔyɛ Israelfoɔ mu atitire. 4Na wɔn din nie: Ruben abusuakuo deɛ ne Sakur ba Samua; 5Simeon abusuakuo deɛ, Hori ba Safat; 6#Yos 14.7 Yuda abusuakuo deɛ, Yefune ba Kaleb; 7Isakar abusuakuo deɛ, Yosef ba Igal; 8#Num 13.16; 1 Be 7.27 Efraim abusuakuo deɛ, Nun ba Hosea; 9Benyamin abusuakuo deɛ, Rafu ba Palti; 10Sebulon abusuakuo deɛ, Sodi ba Gadiel; 11Yosef abusuakuo, mekyerɛ Manase abusuakuo, Susi ba Gadi; 12Dan abusuakuo deɛ, Gemali ba Amiel; 13Aser abusuakuo deɛ, Mikael ba Setur; 14Naftali abusuakuo deɛ, Wofsi ba Nahibi; 15Gad abusuakuo deɛ, Maki ba Geuel; 16#Num 11.28 yeinom ne mmarima a Mose soma maa wɔkɔsraa asase no din. Na Mose frɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yosua.
17Na Mose somaa wɔn sɛ wɔnkɔsra Kanaan asase no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔfa Negeb ha yi na monkɔforo mmepɔ no. 18Na monkɔhwɛ asase no sɛdeɛ ɛteɛ ne aman a wɔtete soɔ no, sɛ wɔyɛ den anaasɛ wɔgo, wɔsua anaasɛ wɔdɔɔso, 19ne sɛdeɛ asase a wɔtete soɔ no teɛ, sɛ ɛyɛ asase pa anaa bɔne ne sɛdeɛ nkuro a wɔtete mu no teteɛ, sɛ nsraban mu anaa aban mu, 20ne sɛdeɛ asase no teɛ, sɛ emu yɛ fɔɔfɔɔ anaa pɛsɛɛ sɛ nnua wɔ so anaasɛ ebi nni so; na momfa akokoɔduro ntete asase no so aba bi mmra. Nso na saa berɛ no yɛ bobe aba a ɛdi kan berɛ.
21Na wɔsii mu kɔ kɔsraa asase no firi Sin serɛ so kɔsii Rehob, deɛ wɔnam kɔ Hamat no. 22Na wɔforo faa nifa fam, na wɔduruu Hebron deɛ Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron deɛ, wɔkyekyeree no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim.) 23Na wɔduruu Eskol bonhwa mu, na wɔtwaa obobe mman ne bobe esia baako wɔ soɔ wɔ hɔ; na nnipa baanu wuraa no dua, ne atoaa aba bi ne borɔdɔma. 24Ɛsiane sɛ Israelfoɔ no twaa bobe aba esia wɔ hɔ no nti, wɔfrɛ hɔ Eskol.#13.24 ESKOL: Asekyerɛ ne: Bobe esia.
25Na adaduanan duruiɛ no, wɔsane firi asase no so nsra bae. 26Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo no nyinaa nkyɛn Paran serɛ so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn. 27#Eks 3.8, 17 Na wɔbɔɔ wɔn amanneɛ kyerɛɛ no sɛ: Yɛakɔ asase a wosomaa yɛn soɔ no so, na ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ ampa, na ɛso aba nie. 28Nanso aman a wɔtete asase no soɔ no yɛ den, na nkuro no, wɔabɔ ho ban, ɛsoso sɛ, na yɛhunuu Anak mma nso wɔ hɔ. 29Amalek te Negeb asase so, na Hetifoɔ ne Yebusifoɔ ne Amorifoɔ tete bepɔ so, na Kanaanfoɔ tete mpoano ne Yordan ho.
30 # Num 13.6; 14.6 Na Kaleb dwodwoo ɔman no maa Mose, na ɔkaa sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔforo, na yɛnkɔfa asase no. Na tumi deɛ, yɛbɛtumi wɔn. 31Na mmarima a wɔne no kɔeɛ no kaa sɛ: Yɛrentumi nkɔforo ntia ɔman no, ɛfiri sɛ wɔyɛ den sene yɛn. 32Na wɔmaa asase a wɔkɔsraeɛ no ho atenka bɔne trɛɛ Israelfoɔ no mu sɛ: Asase a yɛfaa mu kɔsraeɛ no yɛ asase a ɛdi ɛsotefoɔ, na nkurɔfoɔ a yɛhunuu wɔn wɔ soɔ no nyinaa yɛ abrane ara nko; 33#Deut 9.2 na ɛhɔ na yɛhunuu abrane akɛseɛ no, (Anak mma a wɔfiri abrane akɛseɛ no mu no,) na yɛyɛɛ yɛn ara yɛn ani so sɛ mmɛbɛ, na saa nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani soɔ.

Currently Selected:

Numeri 13: ASW

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for Numeri 13