Numeri 11
11
Mana fono ɔman no
1 #
Lew 10.2
Na ɔman no yɛɛ sɛdeɛ wɔrenwiiwii wɔn amaneɛ ho, AWURADE aso mu; na AWURADE teeɛ no, ne bo hurui, na AWURADE gya bɛsɔɔ wɔn mu hyee nsraban no ano ano. 2Na ɔman no su frɛɛ Mose, na Mose paa AWURADE kyɛw, na ogya no dumii. 3Na ɔfrɛɛ hɔ Tabera,#11.3 TABERA: Asekyerɛ ne: Ahyeeɛ. ɛfiri sɛ AWURADE gya dɛree wɔ wɔn mu.
4 #
Eks 16.3
Na afrafrafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no kɔn dɔɔ adeɛ, na Israelfoɔ no nso sane suu bio sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛn nam adie? 5Yɛakae nsunam a yɛdii no Misraim kwa ne ɛferɛ, anamuna, fan, gyeene ne aanwo no. 6Afei yɛn kra akusa, na biribiara nni hɔ sɛ mana a ɛtua yɛn aniwa mu yi nko.
7 #
Eks 16.14-31
Na mana no te sɛ wisa aba, na ɛho te sɛ bedola hyɛ ho. 8Ɔman no nenam tasetasee, na wɔyam no ayuyammoɔ so anaasɛ wɔsi no nwaduro mu na wɔnoa no ɛsɛn mu, na wɔyɛ no taterɛ, na ne dɛ te sɛ ngo taterɛ dɛ. 9Na sɛ bosuo tɔ nsraban no so anadwo a, mana no nso tɔ gu so.
10Na Mose tee sɛ ɔman no resu, wɔn mmusua mu, wɔn ntomadan ano ano; na AWURADE bo huruu no sɛ, na ɛyɛɛ Mose nso ahomete. 11Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Adɛn nti na wo ne w’akoa adi no bɔne, na adɛn nti na mannya w’anim animuonyam sɛ wode ɔman yi nyinaa adesoa ato me soɔ yi? 12Me na menyinsɛnee ɔman yi nyinaa anaasɛ me na mewoo wɔn, na wose me sɛ: Turu wɔn wo koko so, sɛdeɛ ɔbayɛnfoɔ turu n’akɔkoaa, fa kɔ asase a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn nananom no so? 13Ɛhe na mɛnya nam mama ɔman yi nyinaa sɛ wɔsu gu me so sɛ: Ma yɛn nam na yɛnni yi? 14Me nko ara mentumi menkura ɔman yi nyinaa ɛfiri sɛ wɔyɛ duru ma me. 15#Eks 32.32 Na sɛ saa na wo ne me bɛdi no a, ɛnneɛ sɛ m’anim aba nyam w’anim a, kum mmom na ku me, na manhunu m’amaneɛ no.
16 #
Eks 18.21; 24.1 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Boaboa Israel mpanimfoɔ mu mmarima aduɔson ano ma me, nnipa a wonim wɔn sɛ wɔyɛ ɔman no mpanimfoɔ ne wɔn atwerɛfoɔ, na fa wɔn bra ahyiaeɛ ntomadan no ho, na wɔne wo mmɛgyina hɔ. 17Na mɛsiane na me ne wo abɛkasa, na mede honhom a ɛwɔ wo soɔ no bi magu wɔn so na wɔne wo asɔ ɔman no adesoa no mu, na wo nko woankura. 18#Eks 19.10 Na ka kyerɛ ɔman no sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena, na mobɛdi nam, ɛfiri sɛ moakɔsu agu AWURADE aso mu sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛn nam adie? Anka na ɛyɛ ma yɛn wɔ Misraim. Enti AWURADE bɛma mo nam adi: 19Ɛnyɛ da koro nko na mobɛdie, na ɛnyɛ nnanu, na ɛnyɛ nnanum, na ɛnyɛ dadu, na ɛnyɛ adaduonu nko, 20na mmom ɛbɛkɔ akɔsi bosome, akɔsi sɛ ɛbɛfifiri mo hwene mu na afono mo, ɛsiane sɛ moapo AWURADE a ɔwɔ mo mu no, na moasu n’anim aka sɛ: Adɛn nti na yɛfirii Misraim baeɛ yi? 21Na Mose kaa sɛ: Ɔman a mewɔ wɔn mu yi ano si mmarima anammɔnmufoɔ mpem ahansia, na wo deɛ, wose: Mɛma wɔn nam adi bosome? 22#Yoh 6.7 Wɔbɛkunkum nnwan ne anantwie ama wɔn na aso wɔn? Anaasɛ wɔbɛboa ɛpo mu mpataa nyinaa ano ama wɔn na aso wɔn? 23#Yes 50.2; 59.1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wɔatwa AWURADE nsa so? Afei wobɛhunu sɛ m’asɛm bɛba mu ama wo anaasɛ ɛremma mu.
24Na Mose firii adi kɔkaa AWURADE asɛm no kyerɛɛ ɔman no, na ɔboaa ɔman no mpanimfoɔ mu mmarima aduɔson ano, na ɔde wɔn bɛgyinaa ntomadan no ho hyiae. 25Na AWURADE sianee mununkum no mu na ɔkasa kyerɛɛ no, na ɔde ne honhom a ɛwɔ ne soɔ no bi guu mpanimfoɔ aduɔson no so; na honhom no sisii wɔn soɔ no, wɔkaa adiyisɛm berɛ tiaa bi mu, nanso akyire yi no wɔansane anyɛ bio.
26Na mmarima baanu kaa nsraban no mu, ɔbaako din de Eldad na ɔbaako no de Medad; na honhom no baa wɔn so, na wɔfra nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din no mu, nanso na wɔmfirii adi nkɔɔ ntomadan no ho; enti wɔkaa adiyisɛm nsraban no mu. 27Na aberanteɛ bi tutuu mmirika bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: Eldad ne Medad reka adiyisɛm nsraban no mu. 28#Num 13.16; Eks 24.13 Na Nun ba Yosua, Mose somfoɔ a ɔyɛ ne mmeranteɛ no mu baako no gyee so sɛ: Me wura Mose, bara wɔn! 29#Mar 9.39; Yoel 3.1 Na Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Woretwe me ho ninkunu? Ɛkaa me nko a, anka AWURADE man nyinaa adanedane adiyifoɔ, na AWURADE de ne honhom agu wɔn so. 30Na Mose ne Israel mpanimfoɔ no sane baa nsraban no mu.
31 #
Eks 16.13
Na mframa firi AWURADE nkyɛn bɔe, na ɛkɔpraa mmoko firi ɛpo no ho bɛguu nsraban no so, ɛbɛyɛ da koro kwan wɔ ɔfa ha ne da koro kwan wɔ ɔfa ha, nsraban no ho, wɔn sorokorɔ ne asase ani bɛyɛ sɛ basafa baako. 32Na ɔman no sɔree da mu no nyinaa ne anadwo no nyinaa ne adekyeeɛ nyinaa, na wɔkɔboaboaa mmoko no ano; deɛ ɔnyaa deɛ ɛsua koraa no mpo boaa homer du ano, na wɔhatahatae ara de twaa nsraban no ho hyia fae. 33Na ɛnam no da so wɔ wɔn se mu a wɔnnya nwesaeɛ no, AWURADE bo huru tiaa ɔman no, na AWURADE de ɔhaw kɛseɛ pa ara bobɔɔ ɔman no. 34#1 Ko 10.6 Na wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Kibrot-hataawa,#11.34 KIBROT-HATAAWA: Asekyerɛ ne: Akɔnnɔ damena. ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔsiee ɔman a adeɛ yɛɛ wɔn akɔnnɔ no. 35Na ɔman no tu firii Kibrot-hataawa kɔɔ Haserot, na wɔtenaa Haserot.
Currently Selected:
Numeri 11: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012