YouVersion Logo
Search Icon

Mika NHYƐNMU

NHYƐNMU
Odiyifoɔ Mika yɛ Yesaia berɛ soni a ɔfiri Yuda man mu wɔ Ahenman anafoɔ. Na ɔgye too mu sɛ Yuda rebɛhyia ɔsɛeɛ a Amos kaa ho asɛm kyerɛɛ Ɔmantififoɔ no bi na ɛnam saa botaeɛ korɔ yi so nti Onyankopɔn bɛtwe nkurɔfoɔ no aso ntɛnkyea ne ɔtan a ɛwɔ wɔn mu no ho. Nanso Mika asɛnka no mu no, yɛhu nsɛnkyerɛnneɛ pefee sɛ anidasoɔ wɔ hɔ daakye.
Mmeaeɛ ahodoɔ a ɛwɔ akenkansɛm no mu a ɛhia sɛ wɔhyɛ no nso ne mfonini a ɛkyerɛ wiase nyinaa asomdwoeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ (4.1-4). Ɔhempɔn a ɔfiri Dawid abusua mu a ɔde asomdwoeɛ bɛbrɛ ɔman no (5.2-5a) ne nkyekyɛmu baako (6.8) deɛ adiyifoɔ a wɔwɔ Israel no taa bɔ ne mua ka sɛ: Deɛ ɔhia firi yɛn nkyɛn nie: Sɛ yɛbɛyɛ deɛ ɛtene, na daa yɛkyerɛ ɔdɔ, na yɛabrɛ yɛn ho ase ne yɛn Nyankopɔn adi nkutaho.
EMU NSƐM
Israel ne Yuda atemmuo 1.1—3.12
Wɔbɛma Yuda man so bio na asomdwoeɛ aba 4.1—5.15
Kɔkɔbɔ ne Anidasoɔ ho asɛnka 6.1—7.20

Currently Selected:

Mika NHYƐNMU: ASW

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in