YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 26

26
Wɔpam Yesu tiri so
(Marko 14.1, 2; Luka 22.1-2; Yohane 11.45-53)
1Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: 2#Mat 20.18 Monim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wɔbɛyi onipa ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu. 3Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ kɔhyiaa ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu, 4na wɔtuu agyina sɛ wɔnam nyansa so bɛkyere Yesu akum no. 5Nanso wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na sakasaka amma ɔman no mu.
Ɔdɔ akyɛdeɛ
(Marko 14.3-9; Yohane 12.1-8)
6Na Yesu wɔ Betania, Simon kwatani no fie no, 7ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam a ne boɔ yɛ den, sradehwan toa ma, baa ne nkyɛn. Na ɔte adidiiɛ no, ɔbɛhwie ngo no guu n’atifi. 8Na asuafoɔ no hunuiɛ no, anyɛ wɔn abodwo, na wɔkaa sɛ: Adesɛeɛ yi aseɛ ne sɛn? 9Anka wɔbɛtumi atɔn yei agye sika pii, na wɔde ama ahiafoɔ. 10Na Yesu hunuiɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na moreha ɔbaa no? Wayɛ me ho adwuma pa. 11#Deut 15.11 Ahiafoɔ wɔ mo nkyɛn daa, na me deɛ, morennya me daa. 12Na sɛ wahwie ngo hwamhwam yi agu me nipadua soɔ yi, wayɛ ama me sie. 13Nokorɛ mese mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, wɔbɛka deɛ ɔbaa yi yɛeɛ nso de ayɛ no nkaeɛ.
Yuda yi Yesu ma
(Marko 14.10, 11; Luka 22.3-6)
14Ɛnna dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn 15#Yoh 11.57; Sak 11.12 sɛ: Ɛdeɛn na mobɛma me na mayi no ahyɛ mo nsa? Na wɔkarii nnwetɛbena aduasa de maa no. 16#1 Ti 6.9-10 Na ɛfiri saa berɛ no, ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya kwan ayi no ama.
Twam afahyɛ no ho nsiesie
(Marko 14.12-16; Luka 22.7-13)
17 # Eks 12.18-20 Na Apiti da a ɛdi kan no, asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie ma woɔ na wokɔdi Twam (afahyɛ) no? 18#Mat 21.3 Na ɔse: Monkɔ kuro no mu asomasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ se: Me berɛ abɛn; wo nkyɛn na mene m’asuafoɔ rebɛdi Twam (afahyɛ) no. 19Na asuafoɔ no kɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu hyɛɛ wɔn no, na wɔsiesiee Twam no.
Adidie a ɛdi akyire
(Marko 14.17-26; Luka 22.14-23; Yohane 13.21-26)
20Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔne asuafoɔ dummienu no bɛtenaa ase. 21Na wɔredidie no, ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo mu baako rebɛyi me ama. 22Na wɔn werɛ hoo yie, na wɔfitii aseɛ sesee no mmaako mmaako sɛ: Awurade, ɛyɛ me anaa? 23Na ɔbuaa sɛ: Deɛ ɔne me to nsa ayowa mu no, ɔno ara na ɔbɛyi me ama. 24Onipa ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no. 25Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no bisaa no sɛ: Rabi, ɛyɛ me anaa? Ɔbuaa no sɛ: Woaka.
Nkaeɛ adidie no asefire
26 # 1 Ko 11.23-25 Na wɔredidie no, Yesu faa paanoo, na ɔhyiraa so bubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ: Monnye nni; yei ne me honam. 27Na ɔfaa kuruwa, na ɔdaa aseɛ no, ɔde maa wɔn sɛ: Mo nyinaa monnom bi; 28#Eks 24.8; Yer 31.31; Sak 9.11 na yei ne me mogya a ɛyɛ apam adeɛ a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fakyɛ. 29Na mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ merennom bobe yi bi bio, de bɛkɔ akɔsi da a me ne mo bɛnom no foforɔ m’agya ahennie mu. 30#Luka 22.39; Yoh 18.1 Na wɔtoo ayeyie dwom no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.
Ɔpa a Petro bɛpa ne wura no ho nkɔmhyɛ
(Marko 14.27-31; Luka 22.31-34)
31 # Sak 13.7; Yoh 16.32 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me ho bɛyɛ mo nyinaa suntidua anadwo yi. Na wɔatwerɛ sɛ:
Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no,
na ekuo no mu nnwan abɔ apete.
32 # Mat 28.7 Na me sɔreɛ akyiri no, mɛdi mo anim makɔ Galilea. 33Petro bua see no sɛ: Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrenyɛ me suntidua da. 34#Yoh 13.38 Yesu see no sɛ: Nokorɛ mese wo sɛ, anadwo yi, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa. 35#Mat 26.56 Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ ɛtwa sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo. Saa ara na asuafoɔ no nyinaa nso kaeɛ.
Yesu Getsemane awerɛhoɔ
(Marko 14.32-42; Luka 22.40-46)
36Ɛnna Yesu ne wɔn duruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: Montena ase ha, na menkɔ nohoa nkɔbɔ mpaeɛ ansa. 37#Heb 5.7 Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho, na ne werɛ fitii aseɛ hoe, na ne ho yeraa no pa ara. 38#Yoh 12.27 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de rekɔ owuo mu; montena ha na mo ne me nwɛn. 39#Yoh 18.11; Heb 5.8 Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛdeɛ mepɛ, na sɛdeɛ wopɛ. 40Na ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn no, ɔbɛhunuu wɔn sɛ wɔadeda. Na ɔsee Petro sɛ: Moantumi ne me anwɛn dɔnhwere baako? 41#Heb 2.14; 4.15 Monwɛn na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ deɛ, nanso honam no ɛyɛ mmerɛ. 42Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ yei rensiane me ho nkɔ na gye sɛ menom a, wo pɛ nyɛ hɔ. 43Na ɔbaeɛ no, ɔbɛhunuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani kum. 44#2 Ko 12.8 Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ ne mprɛnsa so kaa asɛnkorɔ no ara. 45Ɛnna ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei deɛ, monna na monhome! Hwɛ, dɔn no aduru a wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa. 46Monsɔre mma yɛnkɔ! Hwɛ, deɛ ɔreyi me ama no abɛn!
Yuda Iskariot de asraafoɔ ba
(Marko 14.43-50; Luka 22.47-53; Yohane 18.3-12)
47Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dummienu no mu baako bae, na nkurɔfokuo bebree a wɔkurakura nkrantɛ ne mmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ nkyɛn ka ne ho. 48Na deɛ ɔyii no maeɛ no ama wɔn nsɛnkyerɛnneɛ sɛ: Deɛ mɛfe n’ano no, ɔne no; monkye no! 49Na ntɛm ara ɔbaa Yesu nkyɛn sɛ: Rabi, mo! Na ɔfee n’ano. 50Na Yesu see no sɛ: Damfo, wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? Ɛnna wɔbaeɛ de wɔn nsa bɛsɔɔ ne mu kyeree no. 51Na hwɛ, wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako tenee ne nsa twee nkrantɛ, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panin no akoa twaa n’aso. 52#Gye 9.6 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo nkrantɛ sane hyɛ deɛ ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrantɛ nyinaa, nkrantɛ ano na wɔbɛwuo. 53Anaasɛ wodwene sɛ anka merentumi mensrɛ m’Agya seesei na ɔnsoma abɔfoɔ asafodɔm bɛboro dummienu mmɛgyina me ho? 54Na ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na twerɛ nsɛm no bɛba mu sɛ, ɛtwa sɛ ɛyɛ saa?
Yesu asɛmmisa. Asuafoɔ no dwaneɛ
55Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so de nkrantɛ ne mmaa rebɛkye me? Metenaa asɔrefie mekyerɛkyerɛɛ daa, nanso moankye me. 56#Mat 26.31 Na yei nyinaa aba, na deɛ adiyifoɔ no kaa no twerɛ nsɛm mu no aba mu. Ɛnna asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwaneeɛ.
Yesu gyina Kaiafa anim
(Marko 14.53-72; Luka 22.54-71; Yohane 18.13-27)
57Na wɔn a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa hɔ, faako a Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no ahyia no. 58Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔkɔɔ mu ne asomfoɔ no kɔtenaa hɔ sɛ ɔrehwɛ asɛm no awieeɛ.
Adansekurumu ne animtiabuo
59Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekurumu, na wɔanya no akum no, 60nanso woannya bi. Adansekurumfoɔ bebree bae deɛ, nanso wɔannya bi. Na akyire yi no, nnipa baanu bi baa 61#Yoh 2.19-21 sɛ: Oyi aka sɛ: Mɛtumi madwiri Nyankopɔn asɔredan, na masi no nnansa. 62Na ɔsɔfo panin no sɔre ka kyerɛɛ no sɛ: Wommua bi? Ɛdeɛn ho na yeinom redi adanseɛ tia woɔ yi? 63#Mat 27.12 Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefoɔ no sɛ, sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn! 64#Dwom 110.1; Mat 16.27; 24.30 Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mese mo sɛ,
ɛfiri nnɛ mobɛhunu Onipa ba no
sɛ ɔte tumi no nifa,
na ɔreba ɔsoro mununkum soɔ.
65 # Yoh 10.33 Ɛnna ɔsɔfo panin no sunsuanee n’atadeɛ mu sɛ: Waka abususɛm! Ɛdeɛn hia na ɛhia yɛn adansefoɔ bio? Hwɛ, afei deɛ moate n’abususɛm no! 66#Yoh 19.7; Lew 24.16 Modwene ho sɛn? Na wɔbuaa sɛ: Ɔsɛ wuo. 67#Yes 50.6 Ɛnna wɔtee ntasuo guu n’anim na wɔbobɔɔ no akuturuku; ebinom nso bobɔɔ no asotorɔ 68sɛ: Kyerɛ yɛn, Kristo, hwan na ɔbɔɔ woɔ?
Petro pa Yesu
69Na Petro deɛ ɔte adihɔ hɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ: Na wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam! 70Na ɔsanee wɔn nyinaa anim sɛ: Mennim deɛ woreka yi. 71Na ɔfiri adi kɔɔ ntwonoo mu no, abaawa foforɔ bi nso hunuu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam! 72Na ɔkaa ntam sanee bio sɛ: Mennim onipa no. 73Na ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ba bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; wo kasa yi wo adi! 74Ɛnna ɔfitii aseɛ didii nse kekaa ntam sɛ: Mennim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔneeɛ. 75#Mat 26.34 Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa. Na ɔfiri adi kɔsuu yayaaya.

Currently Selected:

Mateo 26: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy