Mateo 1
1
Yesu awoɔ ntoatoasoɔ
(Luka 3.23-38)
1 #
1 Be 17.11; Gye 22.18 Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awoɔ ntoatoasoɔ.
2 #
Gye 21.3; 21.12; 25.26; 29.35; 49.10 Abraham woo Isak, na Isak woo Yakob, na Yakob woo Yuda ne ne nuanom. 3#Gye 38.29-30; Rut 4.18-22 Yuda ne Tamar woo Peres ne Sera, na Peres woo Hesron, na Hesron woo Ram, 4na Ram woo Aminadab, na Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon, 5#Rut 4.13-17 na Salmon ne Rahab woo Boas, na Boas ne Rut woo Obed, na Obed woo Yisai, 6#2 Sa 12.24 na Yisai woo Ɔhene Dawid.
Na Dawid ne deɛ kane na ɔyɛ Uria yere no woo Salomo, 7#1 Be 3.10-16 na Salomo woo Rehoboam, na Rehoboam woo Abia, na Abia woo Asa, 8na Asa woo Yehosafat, na Yehosafat woo Yoram, na Yoram woo Usia, 9na Usia woo Yotam, na Yotam woo Ahas, na Ahas woo Hesekia, 10na Hesekia woo Manase, na Manase woo Amon, na Amon woo Yosia, 11na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, ɛberɛ a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no mu.
12 #
1 Be 3.17; Esra 3.2 Na wɔtwaa wɔn asu kɔtenaa Babel no akyiri no, Yekonia woo Sealtiel, na Sealtiel woo Serubabel, 13na Serubabel woo Abihud, na Abihud woo Eliakim, na Eliakim woo Asor, 14na Asor woo Sadok, na Sadok woo Akim, na Akim woo Elihud, 15na Elihud woo Eleasa, na Eleasa woo Matan, na Matan woo Yakob, 16#Mat 27.17; 27.22 na Yakob woo Yosef a na ɔyɛ Maria a ɔwoo Yesu a wɔfrɛ no Kristo no ne kunu.
17Na awoɔ ntoatoasoɔ a ɛfiri Abraham so de bɛsi Dawid so nyinaa yɛ dunan, na ɛfiri Dawid so de bɛsi sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan, na ɛfiri sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no bɛsi Kristo soɔ no nso yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan.
Yesu awoɔ
(Luka 2.1-7)
18 #
Luka 1.35
Na sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ teɛ nie: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ asiwayere, na wɔnnya nhyiaa mu no, wɔhunuu sɛ ɔnyem deɛ ɛfiri Honhom Kronkron mu. 19Na ne kunu Yosef yɛ onipa tenenee, na ɔmpɛ sɛ ɔgu n’anim ase dwam nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛgyaa no kokoam. 20#Mat 1.18 Na ɔredwennwene yeinom ho no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ daeɛ mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na deɛ ɔnyem no firi Honhom Kronkron mu. 21#Luka 1.31; 2.21; Aso 4.12 Na ɔbɛwo ɔbabanin, na woato ne din Yesu, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye ne man afiri wɔn bɔne mu. 22#Yes 7.14 Na yei nyinaa yɛɛ hɔ, na deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ:
23 #
Yes 7.14
Hwɛ, ababaawa no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabanin,
na wɔato ne din Imanuel,
(a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn na ɛwɔ hɔ.) 24Na Yosef firii nna mu nyaneeɛ no, ɔyɛɛ sɛdeɛ Awurade bɔfoɔ no hyɛɛ no no, na ɔkɔfaa ne yere no baa ne nkyɛn. 25Na Yosef ne no anhyia mu de kɔsii da a ɔwoo ɔbabanin; na ɔtoo ne din Yesu.
Currently Selected:
Mateo 1: ASW
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012