Malaki NHYƐNMU
NHYƐNMU
Odiyifoɔ Malaki nwoma no baeɛ bɛyɛ mfeɛ ahanum ansa na wɔrewo Kristo no mu. Ɛbaeɛ wɔ berɛ a na wɔasi Yerusalem Asɔrefie no foforɔ awie. Odiyifoɔ no botaeɛ titire ne sɛ: Ɔbɛfrɛ asɔfoɔ no ne nkurɔfoɔ no sɛ wɔnyɛ wɔn Gyidie ne AWURADE apam no foforɔ. Na ɛda adi pefee sɛ nnipa no de aniha ne ɔsɛeɛ ahyɛn AWURADE som no mu. Asɔfoɔ no ne nnipa no sisi AWURADE fie na afei nso wɔnni AWURADE nkyerɛkyerɛ no so.
Nanso AWURADE bɛba abɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn na wate wɔn ho, na ɔsomafoɔ bɛdi n’anim, na wasiesie kwan mu, aka n’apam no ho asɛm.
EMU NSƐM
Israelfoɔ bɔne 1.1—2.16
Onyankopɔn atemmuo ne n’ahummɔborɔ 2.17—4.6
Currently Selected:
Malaki NHYƐNMU: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012