Lewitikɔs 27
27
Bɔhyɛ
1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2#Num 30 Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ obi hyɛ bɔ titire bi a, nnipa deɛ, wɔnyɛ AWURADE deɛ, sɛdeɛ wobɛbɔ wɔn boɔ.
3Na ɛboɔ a bɔ nie: Ɔbarima a wadi mfirinhyia aduonu de kɔsi mfeɛ aduosia, ɛboɔ a bɔ nyɛ nnwetɛbena aduonum sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ no. 4Na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, wo boɔ nnyina nnwetɛbena aduasa; 5na sɛ wadi mfeɛ nnum de kɔsi mfeɛ aduonu na sɛ ɔyɛ ɔbarima a, wo boɔ nyɛ nnwetɛbena aduonu, na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, nnwetɛbena du. 6Na sɛ wadi bosome baako de kɔsi mfeɛ nnum a, wo boɔ a wode bɛbɔ ɔbarima nyɛ nnwetɛbena nnum, na ɔbaa deɛ, wo boɔ nyɛ nnwetɛbena mmiɛnsa. 7Na sɛ wadi mfeɛ aduosia anaasɛ deɛ ɛboro saa na ɔyɛ ɔbarima a, wo boɔ nyɛ nnwetɛbena dunum, na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, nnwetɛbena du. 8Na sɛ ohia aka no a enti ɔntumi mma wo boɔ a wobɔeɛ no a, wɔmfa no mmɛgyina ɔsɔfoɔ no anim, na ɔsɔfoɔ no mmɔ no boɔ; sɛdeɛ deɛ wahyɛ bɔ no nsa bɛso soɔ, na ɔsɔfoɔ no mmɔ no boɔ.
9Na sɛ ɛyɛ afieboa a wɔde bi brɛ AWURADE sɛ ayɛyɛdeɛ no bi a, adeɛ a wɔde bi brɛ AWURADE nyinaa yɛ kronkron. 10Wɔnnsakyera, na wɔmmfa papa nnsesa bɔne anaasɛ bɔne nnsesa papa; na sɛ sesa na wɔde aboa sesa aboa a, ɛnneɛ ɛno ne deɛ wɔde sesaeɛ no nyinaa nyɛ kronkron. 11Na sɛ ɛyɛ aboa biara a ne ho nteɛ a wɔmfa no mmrɛ AWURADE sɛ ayɛyɛdeɛ a, wɔmmfa aboa no mmɛgyina ɔsɔfoɔ anim, 12na sɛ ɛyɛ oo, ɛnyɛ oo, ɔsɔfoɔ no mmɔ ne boɔ; sɛdeɛ wo, sɔfoɔ no, bɛbɔ no, saa ara na ɛnnyina. 13Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔgyeɛ a, ɛnneɛ ɔmfa wo boɔ no abupɛn nnum mu baako nka ho.
14Na sɛ obi yɛ ne fie kronkron sɛ ɛnyɛ kronkron mma AWURADE a, sɛ ɛyɛ oo, ɛnyɛ oo, ɔsɔfoɔ no mmɔ ne boɔ; sɛdeɛ ɔsɔfoɔ no bɛbɔ no, saa ara na ɛnnyina. 15Na sɛ deɛ ɔyɛɛ no kronkron no bɛgye ne fie no a, ɔmfa wo boɔ no dwetɛ abupɛn nnum mu baako nto so, na ɛnyɛ ne deɛ.
16Na sɛ obi yɛ n’asase a ɔdi soɔ kronkron ma AWURADE a, wo boɔ bɔ nyɛ sɛdeɛ n’aduadeɛ teɛ; bɔ atokoɔ a wɔdua homer#27.16 HOMER: Ɛbɛyɛ sɛ olonka ahanu. baako boɔ nnwetɛbena aduonum. 17Sɛ ɔfiri ahosɛpɛ afahyɛ afe so yɛ n’asase no kronkron a, ɛnnyina wo boɔ no so; 18na sɛ ahosɛpɛ afahyɛ afe no akyi na ɔyɛ n’asase no kronkron a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no mmu n’akonta mma no sɛdeɛ mfeɛ a aka na ahosɛpɛ afahyɛ afe aduro no teɛ no, na wɔnte wo boɔ no so. 19Na sɛ gyeɛ na deɛ ɔyɛɛ asase no kronkron no bɛgyeɛ a, ɔmfa wo boɔ no dwetɛ abupɛn nnum mu baako nto so, na ɛntena ne nsam; 20na sɛ wannye asase no na wɔtɔn ma obi a, wɔnnnye bio, 21na sɛ asase no nni wura ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu a, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE, sɛ asase a wɔahyira so de ama; ɛnyɛ ɔsɔfoɔ no agyapadeɛ. 22Na sɛ ɔyɛ asase a ɔtɔeɛ a ɛnyɛ n’asase a ɔdi soɔ bi kronkron ma AWURADE a, 23ɔsɔfoɔ no mmu akonta mma no nkyerɛ no wo boɔ no mu deɛ ɛbɛka akɔsi ahosɛpɛ afahyɛ afe no soɔ, na ɔmma wo boɔ a wobɔeɛ no da no ara; ɛyɛ kronkron ma AWURADE. 24#Lew 25.10 Ahosɛpɛ afahyɛ afe no so, asase no nsane nkɔyɛ deɛ ɔtɔɔ no ne nkyɛn a ɛyɛ n’asase a ɔdi soɔ no dea. 25Na wo boɔ a wobɛbɔ nyinaa nyɛ sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ; gera aduonu yɛ dwetɛbena baako.
26Na afieboa mu mmakan a wɔawo ama AWURADE no nko deɛ, obi nnyɛ wɔn kronkron; nantwie oo, odwan oo, ɛyɛ AWURADE dea. 27Na sɛ ɛyɛ afieboa a wɔn ho nteɛ no bi a, ɛnneɛ ɔnnye no wo boɔ a wobɛbɔ no so, na ɔmfa abupɛn nnum mu baako nto so; na sɛ wɔannye no a, ɛnneɛ wɔntɔn no sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ.
28 #
Num 18.14; 21.2 Nso ahyiradeɛ biara a obi bɛhyira so ama AWURADE, adeɛ a ɔwɔ nyinaa mu no, onipa oo, aboa oo, n’asase a ɔdi so oo, ɛno deɛ wɔnntɔn, na wɔnnnye nso; ahyiradeɛ biara yɛ akronkronneɛ mu ade kronkron ma AWURADE. 29#1 Sa 15.3, 9 Obiara a wɔabu no kumfɔ no, wɔnnnye; kum na wɔnku no.
30 #
Num 18.21
Na asase no so aduane ntotosoɔ du du a ɛfiri asase so aduadeɛ ne nnua so aba mu no nyinaa yɛ AWURADE dea; ɛyɛ kronkron ma AWURADE. 31Na sɛ obi pɛ sɛ ɔgye ne ntotosoɔ du du no bi a, ɔmfa abupɛn nnum mu baako nto so.
32Na anantwie ne nnwan mu ntotosoɔ du du nyinaa, adeɛ a ɛfa odwanhwɛfoɔ poma ase nyinaa mu deɛ ɛtɔ so du du no, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE. 33Wɔmmpa papa ne bɔne mu, na wɔnnsesa ebi nso; na sɛ obi bɛsesa ebi a, ɛnneɛ ɛno ne deɛ wɔde resesa no nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE; wɔnnnye.
34 #
Lew 26.46
Yeinom ne mmara nsɛm a AWURADE de hyɛɛ Mose, Sinai bepɔ soɔ, maa no de kɔmaa Israel mma no.
Currently Selected:
Lewitikɔs 27: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012