YouVersion Logo
Search Icon

Lewitikɔs 11

11
Mmoa a wɔnnie ne deɛ wɔnnnie
(Deuteronomium 14.3-21)
1 # Deut 14.2-21 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron see wɔn sɛ: 2#Gye 7.2; Aso 10.14-15; Kol 2.16; 1 Ti 4.4 Monkasa nkyerɛ Israelfoɔ sɛ: Yeinom ne mmoa a monni wɔ asase so mmoa nyinaa mu: 3Ntɔteboa mu wɔn a wɔwɔ tɔte a emu apaeɛ na wɔn tɔte mu apae koraa, na wɔpu deɛ wɔadie wesa no, ɛno na monnie. 4Yeinom nko na monnnie, wɔn a wɔpu wesa anaa wɔn tɔte mu apaeɛ: Yoma, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne tɔte mu mpae, enti ne ho nte mma mo; 5ne atwaboa, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho nte mma mo; 6ne adanko, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho nte mma mo; 7ne prako, ɛfiri sɛ ne tɔte mu apae koraa deɛ, nanso ɔmpu nwesa, ne ho nte mma mo. 8Monnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu; wɔn ho nte mma mo.
9Yei ne deɛ monnie deɛ ɛwɔ nsuo mu nyinaa mu: Deɛ ɛwɔ ntɛtɛ ne abon, nsuo mu, ɛpo ne nsuwansuwa mu, ɛnonom na monnie. 10Na biribiara a ɛnni ntɛtɛ ne abon, ɛpo ne nsuwansuwa mu, adeɛ a ɛwɔ nsuo mu nyinaa a nkwa wɔ mu nyinaa, ɛyɛ akyiwadeɛ ma mo. 11Na ɛnyɛ mo akyiwadeɛ, monnni wɔn nam, na wɔn afunu nso, monkyi. 12Adeɛ biara a ɛnni ntɛtɛ ne abon wɔ nsuo mu no yɛ mo akyiwadeɛ.
13Na yeinom na monkyire ntuboa mu; monnni, wɔyɛ akyiwadeɛ: Ɔkɔdeɛ, ɔkɔrewa, ɔkomfufuo, 14ɔkompɛtɛ, asansa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, 15ne anene ahodoɔ nyinaa, 16sohori, anadwo-akorɔma, ɛpo so asomfenakatakyi, akorɔma, sɛdeɛ wɔn su teɛ, 17ne patubiaa, ɛpo so anene, patukɛseɛ, 18bakanoma, nantwinoma, ɔpɛtɛ, 19sukɔnkɔn, asukɔnkɔn ahodoɔ, asɔkwaa ne apan. 20Ntuboa manyamanya a wɔnante nan nnan so nyinaa nyɛ akyiwadeɛ mma mo. 21Nanso yeinom na monnie ntuboa nyinaa a wɔnante nan nnan soɔ nyinaa mu, wɔn a wɔwɔ aprɛ mmienu wɔ wɔn nan soɔ a wɔde hurihuri asase so no; 22wɔn mu deɛ monnie nie: Ntutummɛ ahodoɔ, nketekyire ahodoɔ, mfuntie ahodoɔ, mmɛbɛ ahodoɔ. 23Na ntuboa manyamanya a wɔwɔ nan nnan nyinaa yɛ akyiwadeɛ ma mo. 24#Lew 5.2; 14.46 Na yeinom na mode gu mo ho fi; obiara a ɔka wɔn afunu no ho nte kɔsi anwummerɛ. 25Na obiara a ɔsoa wɔn afunu no, ɔnsi ne ntadeɛ, ɛfiri sɛ ne ho nte kɔsi anwummerɛ. 26Ntɔteboa a wɔn tɔte mu apaeɛ, nanso emu nwie paeɛ na wɔmpu nwesa no nyinaa ho nte mma mo; obiara a ɔka wɔn no, ne ho nte. 27Na mmoa a wɔnam nan nnan soɔ nyinaa mu wɔn a wɔnam wɔn nsa ne wɔn nan mu no, wɔn ho nte mma mo; obiara a ɔka wɔn funu no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ. 28Na deɛ ɔsoa wɔn funu bi no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; wɔn ho nte mma mo.
29Na mmoa a wɔwea asase soɔ mu wɔn a wɔn ho nte mma mo nie: Ahweaa, akura, ne nkoterɛ ahodoɔ; 30ne hwinamanhwan, ɔmampam, ɔkoterɛ, bɔmɔte ne abosomakoterɛ. 31Yeinom ne wɔn a wɔn ho nte mma mo, mmoa a wɔwea nyinaa mu; sɛ wɔwu a, obiara a ɔka wɔn no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ. 32Na adeɛ biara a wɔn mu bi awu atɔ soɔ no, ɛho nte: Dua adeɛ biara oo, atadeɛ oo, nwoma oo, awere oo, adeɛ biara a wɔde yɛ adwuma; wɔmfa nhyɛ nsuo mu, na ɛho nte kɔsi anwummerɛ ansa na ɛho ate. 33Na kukuo biara a wɔn mu bi bɛhwe mu no, deɛ ɛwɔ mu nyinaa ho nte, na kukuo no nso mommɔ no. 34Aduane a wɔdie biara a nsuo no bi bɛgu mu no ho nte, na anonneɛ biara a wɔnom adeɛ biara a ɛte saa mu no ho nte. 35Na adeɛ biara a wɔn funu ho biribi bɛhwe soɔ, ɛho nte: Fononoo oo, bukyia oo, wɔmmubu: Ɛho nte, na mommu no sɛ ɛho nte. 36Nanso nsuo aniwa anaa abura a nsuo wɔ mu deɛ, ɛho te ara; na biribiara a ɛka wɔn funu no, ɛho nte. 37Na sɛ wɔn funu bi hwe kuadeɛ a wɔdua biara so a, kuadeɛ no ho te; 38na sɛ wɔde nsuo gu kuadeɛ no so na wɔn afunu bi hwe so a, ɛho nte mma mo. 39Na sɛ mmoa a modie no bi wu a, deɛ ɔka ne funu no ho nte kɔsi anwummerɛ. 40#Eks 22.31 Na deɛ ɔdi ne funu no bie no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; na deɛ ɔsoa ne funu no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.
41Na adeɛ biara a ɛwea fam yɛ akyiwadeɛ, monnni. 42Adeɛ biara a ɛnam yafunu soɔ ne adeɛ biara a ɛnam nan nnan so kɔsi adeɛ biara a ɛwɔ nan bebree soɔ, wɔn a wɔwea fam nyinaa mu no, monnni, ɛfiri sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ. 43Monnyɛ mo ho akyiwadeɛ wɔ mmoa a wɔwea no biara ho, na monnyɛ mo ho fi a ɛmma mo ho nteɛ wɔ wɔn ho. 44#Lew 19.2 Na mene AWURADE mo Nyankopɔn, enti monte mo ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron; enti mommma mo kra ho nnkum, adeɛ biara a ɛwea a ɛtwe ne ho ase no ho. 45#Lew 20.26 Na mene AWURADE a meyii mo Misraim asase so sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no; enti monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron. 46Yei ne aboa biara a wɔwɔ nsuo mu ne nnomaa ne aboa biara a wɔwea fam nyinaa ho mmara, 47sɛ wɔmfa mpae adeɛ a ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ mu, ne mmoa a wɔdie ne mmoa a wɔnnie mu.

Currently Selected:

Lewitikɔs 11: ASW

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in