Kwadwom NHYƐNMU
NHYƐNMU
Kwadwom nwoma no yɛ anwonsɛm nnum bi a wɔboaboaa ano a wɔde suu ɔsɛeɛ a wɔsɛee Yerusalem wɔ afe ahanum aduɔwɔtwe nsia (586) ansa na wɔrewo Yesu no mu. Wɔde anwonsɛm no sane suu bu a wɔbubuu Yerusalem guu fam ne fa a wɔfaa emufoɔ no nnommum nso. Awerɛhosɛm a nwoma yi fa kɛseɛ ka ho asɛm no akyi no, yɛhu sɛ Onyankopɔn mu gyidie ne anidasoɔ wɔ hɔ daakye. Yudafoɔ no de saa anwonsɛm yi somm wɔ afe no mu nna a wɔde di mmuada ne awerɛhoɔ de kae atoyerɛnkyɛm a ɛbaa ɔman no so wɔ afe ahanum aduɔwɔtwe nsia (586) ansa na wɔrebɛwo Yesu no mu.
EMU NSƐM
Yerusalem awerɛhosɛm 1.1-22
Yerusalem asotwe 2.1-22
Asotwe ne anidasoɔ 3.1-66
Yerusalem sɛeɛ 4.1-22
Mmɔborɔhunu ho mpaebɔ 5.1-22
Currently Selected:
Kwadwom NHYƐNMU: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012