Kwadwom 2
2
Nyankopɔn abufuo asɛe Sion
1 #
1 Be 28.2
Ao, sɛdeɛ AWURADE asi de mununkum akata Sion babaa ho,
n’abufuo mu!
Wafiri soro ato
Israel ahoɔfɛ ahwe fam,
na wankae ne nan ntiasoɔ
n’abufuo da no.
2AWURADE amene Yakob tenabea nyinaa,
wanhu wɔn mmɔbɔ.
Wadwiri Yuda babaa aban a ɛyɛ den,
n’anibereɛ mu,
ama no aka fam.
Wagu n’ahennie ne ne mmapɔmma ho fi.
3Watwitwa Israel mmɛn nyinaa
n’abufuhyeɛ mu,
wapono ne nifa ato n’akyi
afiri ɔtamfoɔ anim,
na ɔdɛree Yakob mu sɛ ogyaframa
a ɛhye hyia.
4 #
Dwom 7.12
Wakuntunu ne tadua mu sɛ ɔtamfoɔ,
wagyina atene ne nifa sɛ ɔhohiahiafoɔ,
na wakunkum deɛ ɛyɛ aniwa fɛ nyinaa;
wahwie n’abufuhyeɛ sɛ ogya
agu Sion babaa ntomadan so.
5AWURADE adane sɛ ɔtamfoɔ;
wamene Israel,
wabubu n’aban afɛfɛ nyinaa;
wasɛe n’aban a ɛyɛ den no,
na wama Yuda babaa
abooboo ne agyaadwotwirɛ adɔɔso.
6Wabu ne sese no agu sɛ turo mu deɛ a
wasɛe ne dwabirem;
AWURADE ama werɛ afiri Sion
mu afahyɛ ne homeda,
na n’abufuo mu awerɛhoɔ mu wabu
ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia.
7 #
Kwa 2.22
AWURADE ato n’afɔrebukyia atwene,
wapa ne kronkronbea.
Ɔde n’aban afɛfɛ afasuo
ahyɛ ɔtamfoɔ nsa;
wɔyɛɛ gyegyeegye, AWURADE fie,
sɛ afahyɛ da.
8AWURADE bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe
Sion babaa fasuo;
ɔde susuhoma too ho,
wampono ne nsa amfiri ne sɛeɛ ho,
wama epie ne afasuo adi abooboo,
ne nyinaa ahodwohodwo.
9N’aponkɛseɛ amem fam,
akyire adaban asɛe, na abubu.
Ne hene ne ne mmapɔmma wɔ amanaman no mu,
mmara no nni hɔ bio,
n’adiyifoɔ nhunu
AWURADE hɔ anisoadehunu.
10Sion babaa mpanimfoɔ
tete fam ayeyɛ komm;
wɔde dɔteɛ agugu wɔn atifi,
wɔafirafira ayitoma;
Yerusalem mmabaa
asisi wɔn tiri ase.
11 #
Yer 14.17
Nisuo ama m’ani ayɛ siamoo,
m’ayamdeɛ kyinkyim,
m’akoma ate,#2.11 Heb ahwie agu fam
ɛsiane me man babaa sɛeɛ nti,
ɛnam sɛ mmotafowa ne nkokoaa totɔ piti,
kuro no mmɔntene so.
12Wɔka kyerɛ wɔn nanom sɛ:
Ɛhe na aburoo ne nsa wɔ?
Na wɔtotɔ piti sɛ atɔfoɔ,
kuro no mmɔntene so,
na wɔgyaagyaa mu
wɔ wɔn nanom kokom.
13Ɛdeɛn adanseɛ na menni woɔ,
ɛdeɛn na memfa mento wo ho, Yerusalem babaa?
Ɛdeɛn na memma no ne wo nsɛ,
na mede makyekyere wo werɛ, ababaa, Sion babaa?
Na wo sɛeɛ so sɛ ɛpo,
hwan na ɔbɛtumi asa wo yadeɛ?
14 #
Yer 14.14-16; 23.14-22 Atorɔ ne nnaadaa anisoadeɛ
na w’adiyifoɔ hunu kyerɛɛ woɔ;
na wɔanyi w’amumuyɛ no so,
sɛ wɔde wo nnommum bɛsane aba.
Na atorɔ ne nsɛm a ɛma wofom
na wɔhunu kyerɛɛ woɔ.
15 #
Dwom 48.2; Hes 16.14 Wɔn a wɔtwam kwan soɔ nyinaa
bobɔ wɔn nsam gu wo so.
Wɔbɔ hwerɛma woso wɔn tiri
gu Yerusalem babaa so ka sɛ:
Kuro a wɔfrɛ no:
Ahoɔfɛ a ɛwie pɛ yɛ,
asase nyinaa ahosan no, nie?
16 #
Hiob 16.9; Dwom 35.25; 137.7 W’atamfo nyinaa
trɛtrɛ wɔn anomu tia wo;
wɔhinam, twɛre wɔn se
ka sɛ: Yɛasɛe no!
Ɛda a yɛhwɛɛ no kwan no ara nie!
Yɛanya, yɛn ani ahunu!
17AWURADE ayɛ deɛ ɔsusuiɛ;
wama n’asɛm aba mu pɛpɛɛpɛ,
n’asɛm a ɔfiri tete mmerɛ no mu hyɛeɛ no;
wadwiri, na wanni ho adɔna,
na wama ɔtamfoɔ ani agye wo ho,
wama w’ahohiahiafoɔ ahoɔden so.
18 #
Kwa 2.11
Wɔn akoma su frɛ AWURADE;
Sion babaa fasuo,
ma nisuo nsene sɛ asutene
awia ne anadwo;
mpɛ home bi nhome,
mma w’aniwa kurutuawisi nnyɛ komm.
19Sɔre kekam anadwo,
ɔdasuom mfitiaseɛ,
hwie w’akoma gu sɛ nsuo,
AWURADE anim;
wo mmotafowa kra nti, ma wo nsa so kyerɛ no,
na wɔatotɔ ɛkɔm ano piti, mmorɔno nyinaa ti.
20 #
Deut 28.53-57
AWURADE, hwɛ, na hunu!
Hwan na woayɛ no seyie yi?
Mmaa nni wɔn yafumma nam,
mmotafowa a wɔturu wɔn?
Wɔnkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ,
AWURADE kronkronbea hɔ anaa?
21Mmɔfra ne nkɔkoraa
deda fam mmorɔno so;
me mmabaa ne me mmeranteɛ
atotɔ afena ano.
Woasɛe wɔn w’abufuo da no so,
woakum na woanni adɔna.
22 #
Kwa 2.7
Woahyia m’atamfoɔ afiri afa nyinaa
sɛ afahyɛ da,
na AWURADE abufuo da no,
obiara amfiri mu amfi na obiara anka;
wɔn a meturuu wɔn na meyɛnee wɔn no,
me tamfo adwerɛ wɔn.
Currently Selected:
Kwadwom 2: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012