Yona 2
2
Yona mpaebɔ ne ne nkwagyeɛ
1Na Yona firi apataa no yam bɔɔ AWURADE ne Nyankopɔn mpaeɛ sɛ:
2 #
Dwom 120.1
Mefiri m’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE,
na ɔtiee me;
mefiri Asamando ebunu mu meteaa mu,
na woate me nne.
3 #
Dwom 42.7
Na wotoo me twenee ebunu mu,
ɛpo akoma mu,
na ɔhweamo twaa me ho hyiae;
w’asorɔkyeɛ ne w’aworɔ nyinaa
bu faa me so.
4 #
Dwom 31.22
Na me nso mese: Wɔatu me
afiri w’anim,
nanso mɛkɔ so mahwɛ
w’asɔrefie kronkron no kwan so.
5 #
Dwom 18.4; 69.1 Nsuo bɛtwaa me ho hyiae bɛduruu ɔkra ho,
ebunu twaa me ho buka sii,
ɛpo mu wira kyekyeree me ti.
6 #
Dwom 103.4
Mesiane mekɔɔ mmepɔ nhini ho,
mekɔɔ Asamando,
na wɔtoo me twenee koransan,
nanso wo AWURADE me Nyankopɔn
woyii me firii Amena mu.
7 #
Dwom 142.4
Me kra tɔɔ me mu piti no,
mekaee AWURADE,
na me mpaebɔ duruu wo nkyɛn,
aane w’asɔrefie kronkron hɔ.
8 #
Dwom 31.6
Wɔn a wɔn ani sɔ atorɔ ahoni no,
wɔpo wɔn ara wɔn ADOM.
9 #
Dwom 50.14; 116.17-18 Na me deɛ, mede aseda nne
bɛbɔ wo afɔdeɛ,
deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛtua;
ɛfiri sɛ, nkwagyeɛ wɔ AWURADE!
10Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ apataa no maa ɔkɔfee Yona too asase pɛsɛɛ so.
Currently Selected:
Yona 2: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012