YouVersion Logo
Search Icon

Yohane 14

14
Yesu ne ɔkwan a wɔde kɔ Agya no nkyɛn
1 Mommma mo akoma nntutu! Monnye Onyankopɔn nni, na me nso, monnye me nni. 2Tenaberɛ pii wɔ m’Agya fie; sɛ ɛnte saa a, anka maka makyerɛ mo sɛ merekɔ makɔsiesie baabi mama mo? 3#Yoh 12.26; 17.24 Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ me ara me nkyɛn, na deɛ mewɔ no, mo nso moaba hɔ. 4Na faako a merekorɔ no, monim kwan no. 5Toma see no sɛ: Awurade, yɛnnim faako a worekorɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi ahunu kwan no? 6#Heb 10.20; Mat 11.27; Yoh 11.25; Rom 5.1-2 Yesu see no sɛ: Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so. 7Sɛ monim me a, anka moahunu m’Agya no nso; na ɛfiri nnɛ monim no, na moahu no.
8Filipo see no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, na ɛno ara dɔɔso ma yɛn. 9#Yoh 12.45; Heb 1.3 Yesu see no sɛ: Me ne mo wɔ hɔ dadadada yi, monhunuu me anaa, Filipo? Deɛ wahu me no ahunu Agya no, na adɛn nti na wose: Kyerɛ yɛn Agya no? 10#Yoh 12.49 Wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, ɛmfiri me ara me tirim na meka, na Agya a ɔte me mu no, na ɔyɛ ne nnwuma no. 11#Yoh 14.20; 10.25; 10.38 Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu; na sɛ ɛnte saa a, nnwuma no ara nti monnye nni! 12#Mar 16.19-20 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye me die no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛseɛ asene yeinom, ɛfiri sɛ me deɛ, merekɔ Agya no nkyɛn. 13#Yoh 15.7; Mar 11.24 Na biribiara a mobɛsrɛ no me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya animuonyam, Ɔba no mu. 14#Yoh 16.23-24 Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, me deɛ, mɛyɛ.
Honhom Kronkron ho bɔhyɛ
15 # Yoh 15.10; 1 Yoh 5.3 Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so! 16#Yoh 14.26; 15.26; 16.7 Na me deɛ, mɛbisa Agya no, na wama mo Okyigyinafoɔ foforɔ, na ɔne mo abɛtena daa, 17#Yoh 16.13; 7.39 nokorɛ Honhom a wiase ntumi nnye no no, ɛfiri sɛ ɛnhu no, nanso ɛnnim no; na mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu. 18Merennya mo nnyanka, mɛba mo nkyɛn. 19#Yoh 16.16 Aka kakra na wiase nhu me bio; na mo deɛ, mohu me, ɛfiri sɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase. 20#Yoh 17.21-23 Da no ara mobɛhunu sɛ mewɔ m’Agya no mu, na mowɔ me mu, na mewɔ mo mu. 21#2 Ko 3.18 Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me; na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.
22Yuda (ɛnyɛ Iskariot no) see no sɛ: Awurade, ɛyɛɛ dɛn na worebɛyi wo ho akyerɛ yɛn, na ɛnyɛ wiase? 23#Yoh 14.21; 13.34; Mmb 8.17; Efe 3.17 Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn. 24#Yoh 7.16 Deɛ ɔnnɔ me no nni me nsɛm so; na asɛm a moteɛ no nyɛ me dea, na ɛyɛ Agya a ɔsomaa me no dea.
25 Mewɔ mo nkyɛn yi, na mereka mo yeinom; 26#Yoh 14.16 na Okyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛkyerɛ mo nnoɔma nyinaa, na ɔbɛkae mo deɛ maka akyerɛ mo no nyinaa. 27#Yoh 16.33; Flp 4.7 Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede mema mo; ɛnyɛ sɛdeɛ wiase ma na mema mo. Mommma mo akoma nntutu, nso mommma no mmmɔ mo hu.
28 # Yoh 14.3; 14.18; 14.6 Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Merekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani bɛgye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, ɛfiri sɛ m’Agya no yɛ kɛseɛ sene me. 29Afei maka makyerɛ mo ansa na aba, na sɛ ɛnya ba a, moagye adi. 30#Yoh 12.31; Efe 2.2 Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifoɔ no reba, na ɔnni tumi biara wɔ me so. 31#Yoh 10.18 Nanso meyɛ sɛdeɛ Agya no hyɛɛ me no, na wiase ahunu sɛ medɔ Agya no. Monsɔre mma yɛmfiri ha nkɔ!

Currently Selected:

Yohane 14: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy